Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 2:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na sɛ mokyerɛ me daeɛ no ne n’ase a, mobɛnya me hɔ akyɛdeɛ, ayɛyɛdeɛ ne anidie kɛseɛ. Enti monkyerɛ me daeɛ no ne n’ase.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Na sɛ moka me dae no, kyerɛ me ase a, mɛma mo akyɛde a ɛso bi mmaa da, na mabɔ mo aba so. Monka dae no, na monkyerɛ me ase.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Na sɛ moka me daeɛ no, kyerɛ me aseɛ a, mɛma mo akyɛdeɛ a ɛso bi mmaa da, na mabɔ mo aba so. Monka daeɛ no, na monkyerɛ me aseɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 na sɛ mokyerɛ me ɔdae no ne n’ase a, mubenya me hɔ akyɛde ne ayɛyɛde ne nidi kɛse; enti monkyerɛ me ɔdae no ne n’ase.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 2:6
8 Referencias Cruzadas  

Ɛnna ɔhene yɛɛ Daniel kɛseɛ, na ɔmaa no ayɛyɛdeɛ akɛseɛ bebree, na ɔmaa no dii Babel asase nyinaa so tumi ne Babel anyansafoɔ nyinaa so mpanimfoɔ mu titire.


Ɛnna Belsasar ka maa wɔfiraa Daniel ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika atweaban guu ne kɔn mu, na wɔpaee ne ho asɛm sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie mu tumi.


Ɔhene no teaa mu denden sɛ wɔmfa pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ mmra. Ɔhene no bua see Babel anyansafoɔ no sɛ: Obiara a ɔbɛkenkan atwerɛ yi na wakyerɛ me aseɛ no, wɔbɛfira no ɔtankɔkɔɔ, na sika atweaban agu ne kɔn mu, na wayɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie yi mu tumi.


na mɛhyɛ wo animuonyam pii, na biribiara a wobɛka akyerɛ me no, mɛyɛ: Enti bra ara na bɛdome ɔman yi ma me.


Na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛnyɛ soma na mesomaa sɛ wɔmmɛhyia wo mmra? Adɛn nti na woamma me nkyɛn? Wonnye nni sɛ mɛtumi ahyɛ wo animuonyam anaa?


Na Moab mpanin ne Midian mpanin no sii mu kɔe, na adebisa akatua no kura wɔn nsam; na wɔkɔɔ Bileam nkyɛn de Balak asɛm no kɔtoo n’anim.


Na afei dwane kɔ deɛ wofire! Mekaa sɛ anka mɛhyɛ wo animuonyam, na hwɛ, AWURADE asi w’animuonyam ho kwan.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios