Daniel 2:29 - New Revised Asante Twi Bible29 Ɔhene, wodwenee nnoɔma pii ho wɔ wo mpa so, deɛ yei akyi ɛbɛba no ho, na deɛ ɔyi ahuntasɛm adie no ama woahunu deɛ ɛrebɛba no. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm29 “Nana, bere a woreda no, wʼadwene kosisii nsɛm bi a ebesisi so. Nea ɔkyerɛ ahintasɛm mu no akyerɛ wo nea ɛrebɛba. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm29 “Nana, ɛberɛ a woreda no, wʼadwene kɔsisii nsɛm bi a ɛbɛsisi so. Deɛ ɔkyerɛ ahintasɛm mu no akyerɛ wo deɛ ɛrebɛba. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON29 Wo, ɔhene, wususuw nea daakye ɛbɛba no ho, wo mpa so, na nea oyi ahintasɛm adi no ama woahu nea ɛrebɛba no. Ver Capítulo |