Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 2:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Kaldeafoɔ no buaa ɔhene sɛ: Onipa biara nni asase so a ɔbɛtumi akyerɛ ɔhene asɛm yi, na ɔhenkɛseɛ ne owura ne otumfoɔ biara mmisaa nkonyaayifoɔ, pɛadeahununi ne Kaldeani biara hɔ asɛm a ɛte sɛɛ pɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Kaldeafo no buaa Ɔhene no se, “Onipa teasefo biara nni hɔ a obetumi akyerɛ wo, Nana, wo dae a woaso no. Na ɔhene biara nso nni hɔ, sɛ ɔkorɔn anaa ne tumi so, a wabisa nkonyaayifo, pɛadeahufo anaa Kaldeafo saa asɛm yi bi pɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Kaldeafoɔ no buaa Ɔhene no sɛ, “Onipa teasefoɔ biara nni hɔ a ɔbɛtumi akyerɛ wo, Nana, wo daeɛ a woaso no. Na ɔhene biara nso nni hɔ, sɛ ɔkorɔn anaa ne tumi so, a wabisa nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ anaa Kaldeafoɔ saa asɛm yi bi pɛn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Kaldeafo no buaa ɔhene no sɛ: Onipa bi nni asase so a obetumi akyerɛ ɔhene asɛm yi, na ɔhenkɛse ne owura ne otumfo biara mmisaa okurukyerɛwfo ne pɛadeahuni ne Kaldeani biara hɔ asɛm a ɛte sɛɛ pɛn.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 2:10
5 Referencias Cruzadas  

Woabrɛ w’agyinatuo pii no mu; ma wɔnsɔre nnyina ɛ, na wɔnnye wo nkwa, ɔsoro ani mu kyekyɛfoɔ no, nsorommahwɛfoɔ a ɔsrane foforɔ daa wɔkyerɛ nnoɔma a ɛbɛba wo soɔ no.


Ɛnna ɔhene kaa sɛ wɔnkɔfrɛ nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, ntafowayifoɔ ne Kaldeafoɔ mmra, na wɔmmɛkyerɛ ɔhene daeɛ no. Na wɔba bɛgyinaa ɔhene anim.


Daniel buaa ɔhene sɛ: Ahuntasɛm a ɔhene rebisa no, anyansafoɔ, pɛadeahunufoɔ, nkonyaayifoɔ nyankonnekyerɛfoɔ rentumi nkyerɛ ɔhene;


Saa berɛ no ara mu Kaldeafoɔ bi kɔtoatoaa Yudafoɔ no;


Ɛnna nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ baeɛ, na meyii daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me aseɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios