Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 11:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɔbɛfa wɔn anyame nso ne wɔn guo ahoni ne wɔn dwetɛ ne sika nnwinneɛ afɛfɛ nnommum akɔ Misraim. Na mfeɛ bi ɔbɛtwe ne ho afiri atifi fam hene no ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔbɛfa wɔn anyame, ahoni a wɔde dade ayɛ ne wɔn ademude a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ akɔ Misraim. Na mfe bi mu no, ɔbɛtwe ne ho afi ɔhene a ɔwɔ atifi fam no ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔbɛfa wɔn anyame, nsɛsodeɛ a wɔde dadeɛ ayɛ ne wɔn ademudeɛ a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ akɔ Misraim. Na mfeɛ bi mu no, ɔbɛtwe ne ho afiri ɔhene a ɔwɔ atifi fam ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔbɛfa wɔn anyame nso ne wɔn gu ahoni ne wɔn dwetɛ ne sika nnwinne afɛfɛ nnommum akɔ Misraim; na mfe bi ɔbɛtwe ne ho afi atifi fam hene no ho.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 11:8
17 Referencias Cruzadas  

Na afei deɛ korɔ ara na wopɛ sɛ wokorɔ, ɛfiri sɛ gyina na w’ani agyina w’agya fie; na adɛn nti na woawia m’anyame?


Na wɔgyaa wɔn ahoni hɔ; na Dawid ne ne nnipa no tase kɔeɛ.


Na merebɛtwam Misraim asase so anadwo yi, na makum Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, na mɛbu Misraim anyame nyinaa atɛn, mene AWURADE.


ne Tarsis ahyɛn nyinaa ne ahwɛdeɛ a ɛyɛ fɛ nyinaa so.


na wɔatoto wɔn anyame agu ogya mu, ɛfiri sɛ wɔnyɛ anyame, na ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, dua ne ɔboɔ nko, na wɔasɛe wɔn.


Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se: Hwɛ, mereba mabɛtwe Amon a ɔwɔ Tebes no aso, ne Farao ne Misraim ne ɛso anyame ne ɛso ahemfo ne Farao ne wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ no,


manni aduane a ɛyɛ dɛ, na nam ne nsa anka m’ano, nso mansra koraa kɔsii sɛ nnawɔtwe mmiɛnsa no wiee duro.


Na ɔbɛba anafoɔ fam hene no ahennie mu deɛ, nanso ɔbɛsane akɔ n’asase so.


Na ɔbɛso aba ne nuanom mu. Apueeɛ ahum bɛtu, AWURADE mframa firi ɛserɛ so bɛbɔ, na n’asubura mu awe, na ne nsuo aniwa to atwa; na ɔbɛfom adekoradan mu afɛfɛdeɛ nyinaa.


Na Israel mu na ɛno fire; odwumfoɔ na ɔyɛeɛ, ɛnyɛ Onyame ne no, na Samaria nantwie no, wɔbɛbubu no pasaa.


na Misraimfoɔ resie wɔn mmakan a AWURADE kunkumm wɔn mu no nyinaa; na wɔn anyame no nso, AWURADE buu wɔn atɛn.


na monnwiri wɔn afɔrebukyia, na mommubu wɔn aboɔ adum, na momfa ogya nhye wɔn abosompɔ, na mommobɔ wɔn anyame ahoni, na monsɛe wɔn din mfiri hɔ.


Na ɔse: M’anyame a meyɛeɛ ne ɔsɔfoɔ no, moafa de rekɔ, na ɛdeɛn na mewɔ bio? Na afei adɛn na moka kyerɛ me sɛ: Ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ, yi?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios