Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 11:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na anafoɔ fam hene no bɛyɛ den, nanso ne mmapɔmma mu baako bɛyɛ den akyɛne no, na wanya tumi; na ne tumi bɛyɛ tumi kɛseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 “Ɔhene a ɔwɔ anafo fam no bɛyɛ den, nanso nʼasafohene no mu baako bɛyɛ den asen no na ɔde tumi a ɛyɛ den bedi ahemman no so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 “Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no bɛyɛ den, nanso nʼasafohene no mu baako bɛyɛ den asene no na ɔde tumi a ɛyɛ den bɛdi ahemman no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na anafo fam hene no bɛyɛ den, nanso ne mmapɔmma mu biako bɛyɛ den akyɛn no, na wanya tumi; na ne tumi bɛyɛ tumi kɛse.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 11:5
7 Referencias Cruzadas  

Na anafoɔ fam hene no ani bɛbere, na ɔbɛfiri aba ne ɔno atifi fam hene no abɛko. Na atifi fam hene de asafo yuu kɛseɛ bɛgyina hɔ, nanso wɔbɛdi nkoguo.


Na mmerɛ no mu no, nnipa pii bɛsɔre atia anafoɔ fam hene no, na wo man atuatefoɔ bi bɛma wɔn ho so sɛ wɔrema anisoadehunu no atim, nanso wɔbɛhwehwe ase.


Na ɔde dɔm kɛseɛ bɛkanyan n’ahoɔden ne mmaninyɛ atia anafoɔ fam hene no, na anafoɔ fam hene no de dɔm a ɛyɛ den bebree pa bɛtu sa, na ɔrennyina, ɛfiri sɛ wɔakɔ ne tiri so apam.


Na awieeɛ berɛ no mu na anafoɔ fam hene no ne no de bɛbɔ anim, na atifi fam hene no de nteaseɛnam ne apɔnkɔfoɔ ne ahyɛn bebree bɛtu aba ne so sɛ ahum, na waba nsase no so sɛ nsuo a ayiri asram so.


Deɛ apɔnkɔbire wɔ ho no, wɔfiri adi kɔ atifi fam asase so, na afufuo no firi adi di wɔn akyi, na nworonnworan no firi adi kɔ anafoɔ fam asase so;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios