Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 11:44 - New Revised Asante Twi Bible

44 Nanso nsɛm a ɔbɛte afiri apueeɛ ne atifi fam bɛyi no hu, na ɔde anibereɛ kɛseɛ bɛfiri akɔ sɛ ɔrekɔsɛe na wadwerɛ nnipa bebree.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 Nanso amanneɛ a ɔbɛte afi apuei ne atifi fam bɛbɔ no hu, na ɔde abufuwhyew befi akɔ akɔsɛe bebree atɔre wɔn ase.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 Nanso, amaneɛ a ɔbɛte afiri apueeɛ ne atifi fam bɛbɔ no hu, na ɔde abufuhyeɛ bɛfiri akɔ akɔsɛe bebree atɔre wɔn ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

44 Nanso nsɛm a ɔbɛte afi apuei ne atifi fam beyi no hu, na ɔde anibere kɛse befi akɔ sɛ ɔkɔsɛe na wadwerɛw nnipa bebree.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 11:44
8 Referencias Cruzadas  

Na anafoɔ fam hene no ani bɛbere, na ɔbɛfiri aba ne ɔno atifi fam hene no abɛko. Na atifi fam hene de asafo yuu kɛseɛ bɛgyina hɔ, nanso wɔbɛdi nkoguo.


Na Kitifoɔ ahyɛn bɛba ne so; enti n’akoma bɛtu na wasane, na ne bo bɛhuru apam kronkron no, na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ, na wasane na n’ani aba wɔn a wɔgyaa apam kronkron no so.


na ɔbɛnya sika ne dwetɛ akoradeɛ ne Misraim afɛfɛdeɛ nyinaa adi so, na Libiafoɔ ne Etiopiafoɔ bɛdi n’anammɔn akyi.


Na ɔbɛsi n’ahemfie ntomadan ɛpo no ne bepɔ fɛfɛ kronkron no ntam, nanso n’awieeɛ bɛba a obiara nni hɔ a ɔbɛdi aboa no.


Na deɛ ɔtɔ so nsia no hwiee ne kuruwa no guu asubɔnten kɛseɛ Eufrate mu, na emu nsuo wee, na wɔasiesie kwan ama ahemfo a wɔfiri owia apueeɛ nohoa.


Yeinom wɔ adwene korɔ, na wɔde wɔn tumi ne wɔn ahoɔden bɛma aboa no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios