Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 11:39 - New Revised Asante Twi Bible

39 Na ɔde onyame nanani bi na ɛne abandenden a ɛyɛ den koraa no bɛdie; deɛ ɔbu no no, ɔbɛma n’animuonyam ayɛ kɛseɛ na wama no adi nkurɔfoɔ bebree so, na wakyɛ asase de ayɛ akatua.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

39 Ɔde mmoa a onya fi ananafo nyame hɔ no bɛtow ahyɛ aban a ɛyɛ den pa ara so, na wɔn a wogye no to mu no, ɔbɛhyɛ wɔn anuonyam. Obedi nnipa bebree so, na ɔbɛkyekyɛ asase no mu de ayɛ akatua.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

39 Ɔde mmoa a ɔnya firi ananafoɔ nyame hɔ no bɛto ahyɛ aban a ɛyɛ den pa ara so, na wɔn a wɔgye no to mu no, ɔbɛhyɛ wɔn animuonyam. Ɔbɛyɛ wɔn sodifoɔ wɔ nnipa bebree so, na ɔbɛkyekyɛ asase no mu de ayɛ akatua.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

39 Na ɔde onyame nanani bi na ɛne abandennen a ɛyɛ den koraa no bedi; nea obu no no, ɔbɛma n’anuonyam aso na wama wadi nkurɔfo bebree so, na wakyɛ asase no de ayɛ akatua.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 11:39
3 Referencias Cruzadas  

Na ɔbɛdi abandenden nyame no ni asi wɔn ananmu, na onyame a ne nananom nnim no no, ɔde sika ne dwetɛ ne abohene ne afɛfɛdeɛ bɛdi no ni.


Na awieeɛ berɛ no mu na anafoɔ fam hene no ne no de bɛbɔ anim, na atifi fam hene no de nteaseɛnam ne apɔnkɔfoɔ ne ahyɛn bebree bɛtu aba ne so sɛ ahum, na waba nsase no so sɛ nsuo a ayiri asram so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios