Daniel 11:31 - New Revised Asante Twi Bible31 Na ɔde asraafoɔ bɛsisi hɔ, na wɔagu kronkronbea ne aban no ho fi, na wɔayi daa afɔdeɛ no hɔ, na wɔde akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman no asi hɔ. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm31 “Na nʼasraafo bɛsɔre. Wobegu asɔredan no aban ho fi, na wɔagu daa daa afɔrebɔ no. Wɔde abusude a ɛde ɔsɛe ba besi anan mu. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm31 “Na nʼasraadɔm bɛsɔre. Wɔbɛgu asɔredan no aban ho fi, na wɔagu daadaa afɔrebɔ no. Wɔde abusudeɛ a ɛde ɔsɛeɛ ba bɛsi anan mu. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON31 Na ɔde dɔm besisi hɔ, na wɔahura kronkronbea ne aban no ho, na wɔayi daa afɔre no, na wɔde amamfoyɛ akyide no asi hɔ. Ver Capítulo |