Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 11:29 - New Revised Asante Twi Bible

29 Berɛ a wɔahyɛ no mu, ɔbɛsane aba anafoɔ fam, nanso akyire deɛ no renyɛ sɛ kane deɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

29 “Bere a wɔahyɛ no du a, ɔbɛtow ahyɛ anafo aman no so bio, nanso saa bere yi de, ɛrenyɛ yiye mma no sɛ kan no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

29 “Ɛberɛ a wɔahyɛ no duru a, ɔbɛto ahyɛ anafoɔ aman so bio, nanso saa ɛberɛ yi deɛ, ɛrenyɛ yie mma no sɛ kane no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

29 Bere a wɔahyɛ no mu, ɔbɛsan aba anafo fam, nanso akyiri de no renyɛ sɛ kan de no.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 11:29
9 Referencias Cruzadas  

O, Kuro pono, twa adwo; kurokɛseɛ, team ɛ; O wo, Filistia nyinaa, ma w’akoma ntu; ɛfiri sɛ wisie firi atifi fam aba, na n’asafo mu biara nka akyire.


Persiahene Kores afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel a wɔtoo ne din Beltesasar, na asɛm no yɛ nokorɛ, na ne nteaseɛ yɛ den, nanso ɔtee aseɛ ara, na ɔnyaa adehunu no mu nhunumu.


Nanso ɔne no pam wie a, ɔbɛtwa no nkontompo, na watu aba de wɔn dɔm ketewa bi abɛdi nim;


Na ɔde dɔm kɛseɛ bɛkanyan n’ahoɔden ne mmaninyɛ atia anafoɔ fam hene no, na anafoɔ fam hene no de dɔm a ɛyɛ den bebree pa bɛtu sa, na ɔrennyina, ɛfiri sɛ wɔakɔ ne tiri so apam.


Na atifi hene no de ahodeɛ kɛseɛ bɛsane akɔ n’asase so, nanso n’ani bɛsa apam kronkron no ara, na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ na wasane akɔ n’asase so.


Na Kitifoɔ ahyɛn bɛba ne so; enti n’akoma bɛtu na wasane, na ne bo bɛhuru apam kronkron no, na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ, na wasane na n’ani aba wɔn a wɔgyaa apam kronkron no so.


Na ɔse: Hwɛ, merema woahunu deɛ ɛbɛba abohuro no akyiri berɛ mu, na ɛfa awieeɛ berɛ a wɔahyɛ no ho.


na ɔmaa nnipa wɔ aman nyinaa firi onipa baako mu tenaa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmerɛ ahodoɔ ne wɔn tenabea hyeɛ ato hɔ ama wɔn


na mmom ɔwɔ ahwɛfoɔ ne afiesohwɛfoɔ ase de kɔsi da a agya no ahyɛ asie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios