Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 11:28 - New Revised Asante Twi Bible

28 Na atifi hene no de ahodeɛ kɛseɛ bɛsane akɔ n’asase so, nanso n’ani bɛsa apam kronkron no ara, na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ na wasane akɔ n’asase so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

28 Ɔhene a ɔwɔ atifi fam no de ahonyade bebree bɛsan akɔ ne man mu, nanso ne koma rempɛ apam kronkron no. Ɔbɛyɛ biribi atia apam kronkron no na wasan akɔ ne man mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

28 Ɔhene a ɔwɔ atifi fam no de ahonyadeɛ bebree bɛsane akɔ ne ɔman mu, nanso, nʼakoma rempɛ apam kronkron no. Ɔbɛyɛ biribi atia apam kronkron no na wasane akɔ ne ɔman mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

28 Na ɔde ahode kɛse bɛsan akɔ n’asase so, nanso n’ani bɛsa apam kronkron no ara, na ɔbɛyɛ nea ɔpɛ, na wasan akɔ n’asase so.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 11:28
7 Referencias Cruzadas  

Na wɔde abasa a ɛte sɛ nsuyire bɛpia wɔn akɔ na wɔabubu wɔn ne apam berempɔn no nso wɔ n’anim.


Na ahemfo baanu no deɛ, wɔn akoma bɛdwene asɛmmɔne na wɔaka atorosɛm didipono baako ho; nanso ɛrenyɛ wɔn mfasoɔ biara, ɛfiri sɛ awieeɛ no bɛba ara ɛberɛ a wɔahyɛ no mu.


Berɛ a wɔahyɛ no mu, ɔbɛsane aba anafoɔ fam, nanso akyire deɛ no renyɛ sɛ kane deɛ no.


Na wɔde dɔm sii hɔ hyɛɛ daa som no mmarato mu, na ɔtoo nokorɛ twenee fam, na ɔdii yie wɔ adeɛ a ɔyɛɛ no mu.


Na ne tumi mu bɛyɛ den, nso ɛnyɛ ɔno ara ne tumi; na ɔbɛsɛe adeɛ ama no ayɛ nwanwa, na ɔbɛdi yie na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ, na wasɛe ahoɔdenfoɔ ne akronkronfoɔ man no.


Mone adiyifoɔ no ne apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pameeɛ no mma, sɛ ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: Na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so mmusua nyinaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios