Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 11:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na ɔbɛdane n’ani akyerɛ nsuano aman, na ɔbɛfa bebree. Na ɔsafohene bi bɛma no agyae ahohora no bɔ, na mpo wadane ahohora no agu ɔno ara ne so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Afei ɔde nʼani bɛkyerɛ mpoano aman so, na wadi mu bebree so nkonim, nanso, ɔsahene bi de ɔhene yi ahomaso bɛba awiei na wadan abɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Afei ɔde nʼani bɛkyerɛ mpoano aman so, na wadi emu bebree so nkonim, nanso, ɔsahene bi de ɔhene yi ahomasoɔ bɛba awieeɛ na wadane abɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na ɔbɛdan n’ani akyerɛ nsuano aman, na ɔbɛfa bebree; na ɔsafohene bi bɛma wagyae ahohora no bɔ, na mpo wadan ahohora no agu ɔno ankasa so.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 11:18
10 Referencias Cruzadas  

Na Ɔhene Akas-weros de apeatoɔ too asase no ne mpoano aman no so.


Na mɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ wɔn mu, na masoma wɔn mu nnipa a wɔafiri mu afire no akɔ amanaman nkyɛn, Tarsis, Put ne Lud, taduakuntunfoɔ no, Tubal ne Yawan, nsuano aman a wɔwɔ akyirikyiri a wɔntee me nka, na wɔnhunuu m’animuonyam no, na wɔakɔka m’animuonyam amanaman no mu.


Na montwam nkɔ Kiprofoɔ nsupɔ so nkɔhwɛ, na monsoma nkɔ Kedar nkɔpeepee mu yie, na monhwɛ sɛ adeɛ a ɛte sei aba hɔ pɛn anaa?


Montie AWURADE asɛm, O amanaman, na monka no akyirikyiri nsuano aman so sɛ: Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no reboa wɔn ano, na wahwɛ wɔn sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan.


Basan adum na wɔde yɛɛ w’atabono, wɔyɛɛ no asonse mango a ɛhyehyɛ kwabɔhorɔ nnua a ɛfiri Kipro mpoano mu mu;


Efraim yii abufuo sɛ, enti ɔbɛma mogya a ɔdi ho so no abua n’atifi, na n’ahohora nso, n’AWURADE bɛdane agu ne so.


AWURADE ho bɛyɛ wɔn hu, ɛfiri sɛ ɔbɛma asase so anyame nyinaa ayera; na aman no mu biara bɛfiri ne tenabea aba, nsuano aman nyinaa, na wɔabɛsɔre no.


Na atɛn ko a mobuo no, wɔde bɛbu mo; na ade korɔ a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo.


Ɛnna Adoni-besek kaa sɛ: Ahemfo aduɔson a wɔn nsa ne wɔn nan kokurobetie atwitwa tasetasee me pono ase; sɛdeɛ meyɛeɛ no, saa ara na Onyankopɔn ahyɛ me ananmu. Na wɔde no baa Yerusalem, na ɔbɛwuu wɔ hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios