Daniel 11:11 - New Revised Asante Twi Bible11 Na anafoɔ fam hene no ani bɛbere, na ɔbɛfiri aba ne ɔno atifi fam hene no abɛko. Na atifi fam hene de asafo yuu kɛseɛ bɛgyina hɔ, nanso wɔbɛdi nkoguo. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm11 “Afei ɔhene a ɔwɔ anafo fam no de abufuw kɛse bɛsɔre na wako atia ɔhene a ɔwɔ atifi fam a ɔno nso wɔ asraafo dɔm kɛse, na obedi wɔn so nkonim. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm11 “Afei, ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no de abufuo kɛseɛ bɛsɔre na wako atia ɔhene a ɔwɔ atifi fam a ɔno nso wɔ akodɔm kɛseɛ, na ɔbɛdi wɔn so nkonim. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON11 Na anafo fam hene no ani bɛbre, na obefi aba ne ɔno atifi fam hene no abɛko; na ɔde asafo yuu kɛse begyina hɔ, na wɔde asafo yuu no ahyɛ ne nsa; Ver Capítulo |