Daniel 10:7 - New Revised Asante Twi Bible7 Na me, Daniel, nko na mehunuu anisoadeɛ no, na mmarima a ɛka me ho no anhunu adeɛ no, nanso ehu kɛseɛ kaa wɔn, na wɔdwane kɔhuntae. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm7 Me, Daniel nko ara na minyaa saa anisoadehu no; nnipa a na wɔka me ho no anhu hwee. Ehu kɛse bi bɔɔ wɔn ma wuguan kohintawee. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm7 Me, Daniel nko ara na mehunuu saa anisoadehunu no; nnipa a na wɔka me ho no anhunu hwee. Ehu kɛseɛ bi bɔɔ wɔn ma wodwane kɔtetɛeɛ. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON7 Na me, Daniel, nko na mihuu anisoade no, na mmarima a ɛka me ho no anhu ade no, nanso ehu kɛse kaa wɔn, na woguan kohintawee. Ver Capítulo |