Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 10:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Nanso merekyerɛ wo deɛ wɔakurukyire no nokorɛ nwoma mu, na obiara nni hɔ a ɔbɛgyina asɔ me mu atia yeinom gye Mikael, mo bapɔmma no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 nanso, medi kan aka nea wɔakyerɛw wɔ Nokware Nhoma no mu no akyerɛ wo. (Obiara nni mʼafa a ɔko tia wɔn, gye sɛ Mikael a ɔyɛ wo hene babarima no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 nanso, mɛdi ɛkan aka deɛ wɔatwerɛ wɔ Nokorɛ Nwoma no mu no akyerɛ wo. (Obiara nni mʼafa a ɔko tia wɔn, gye sɛ Mikael a ɔyɛ wo henebabarima no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Nanso mɛkyerɛ wo nea wɔakurukyerɛw nokware nhoma no mu, na obiara nni hɔ a obegyina aso me mu atia eyinom gye, mo bapɔmma Mikael.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 10:21
14 Referencias Cruzadas  

Na Persia ahemman bapɔmma siankaa me nnawɔtwe mmiɛnsa, na hwɛ, Mikael a ɔyɛ abɔfoɔ atitire no mu baako, ba bɛboaa me, na metenaa hɔ wɔ Persia ahemfo no nkyɛn.


Ɛberɛ no mu na Mikael, ɔbɔfoɔ titire a ɔgyina hɔ ma wo man mma no bɛsɔre agyina. Na ɛbɛyɛ ahohiahia berɛ a ɛfirii sɛ ɔman baeɛ no bɛsi berɛ no soɔ ɛmmaa da, na ɛberɛ no mu na wɔbɛgye wo manfoɔ afiri mu, obiara a wɔbɛhunu sɛ wɔatwerɛ ne din nwoma no mu no.


Na wo, Daniel, toto nsɛm no mu na sɔ nwoma no ano kɔduru awieeɛ berɛ no so; nnipa bebree bɛdwane adi akɔneaba, na nimdeɛ adɔɔso.


Na anwummerɛ ne anɔpa adehunu a wɔkaeɛ no yɛ nokorɛ. Enti sɔ anisoadehunu no ano, na ɛfa mmerɛ pii ho.


Na ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔne me kasaa sɛ: Daniel, afei na mafiri aba sɛ merebɛma woanya nhunumu.


Enti hunu sɛ: Ɛfiri asɛm a ɛka sɛ wɔnsane nkyekyere Yerusalem nsi n’ananmu no soɔ de kɔsi ɔberempɔn a wɔasra no soɔ yɛ mfeɛ nson, na mfeɛ nson ahodoɔ aduosia mmienu, wɔbɛsane akyekyere, mmorɔno ne afasuo, nanso ahohiahia berɛ mu na ɛbɛyɛ.


Ampa ara, AWURADE Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifoɔ no ansa.


Yei so na adiyifoɔ no nsɛm sie, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:


Awurade a ɔma wɔhunuu yeinom nyinaa firi wiase asefire no na ɔka.


Nanso Ɔbɔfoɔ panin Mikael ne ɔbonsam dii aperepereɛ kasakasaa Mose amu ho no, wansi ne bo sɛ ɔbɛka asɛmmɔne abu no atɛn, na mmom ɔkaa sɛ: Awurade nka w’anim!


Na ɔko baa ɔsoro. Mikael ne n’abɔfoɔ tuu ɔtweaseɛ no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfoɔ koe.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios