Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 10:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Daniel, ɔdɔfo, tie nsɛm a merebɛka makyerɛ woɔ yi, na gyina wo nan so, ɛfiri sɛ wɔasoma me wo nkyɛn. Na ɔne me kaa nsɛm yi no, mede ahopopoɔ megyinaa hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔkae se, “Daniel, wo a wobu wo yiye, dwene nsɛm a merebɛka akyerɛ wo yi ho. Gyina pintinn, na wɔasoma me wɔ wo nkyɛn.” Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ me no, mede ahopopo sɔree.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔkaa sɛ, “Daniel, wo a wɔbu wo yie, dwene nsɛm a merebɛka akyerɛ wo yi ho. Gyina pintinn, na wɔasoma me wɔ wo nkyɛn.” Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ me no, mede ahopopoɔ sɔreeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Daniel, ɔdɔfo, tie nsɛm a merebɛka makyerɛ wo, na gyina wo nan so, efisɛ wɔasoma me wo nkyɛn. Na ɔne me kaa nsɛm yi no, mede ahopopo migyinae.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 10:11
15 Referencias Cruzadas  

Aane, yei ho na m’akoma tutuo, na ɛpopo firi n’afa.


Na ɔhene ani asɔ w’ahoɔfɛ, na ɔne wo wura, na sɔre no.


Me deɛ, meyɛ me dɔfoɔ deɛ, na me na n’ani gyina me.


na sɛ mmarima baasa yi, Noa, Daniel ne Hiob wɔ hɔ a, wɔn deɛ, wɔn tenenee ho na wɔbɛgye wɔn kra, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sɔre gyina wo nan so, na me ne wo nkasa.


na ɔse: Nsuro, ɔdɔfo, asomdwoeɛ nka wo, yɛ den! Yɛ den! Na ɔne me kasaeɛ no, mehyɛɛ me ho den, na mese: Ma me wura nkasa, ɛfiri sɛ woahyɛ me den.


manni aduane a ɛyɛ dɛ, na nam ne nsa anka m’ano, nso mansra koraa kɔsii sɛ nnawɔtwe mmiɛnsa no wiee duro.


Na wɔfirii adi ntɛm ara dwane firii ɛda no ho; na ahopopoɔ ne ahodwirie aka wɔn. Na wɔanka hwee ankyerɛ obiara; ɛfiri sɛ na wɔsuro.


Na asuafoɔ no mu baako a Yesu dɔ no no twere Yesu koko mu;


Ɛnna Petro danee n’ani no, ɔhunuu osuani a Yesu dɔ no no sɛ ɔdi wɔn akyire, ɔno na ɔtweree ne kokom adidie no ase a ɔkaa sɛ: Awurade, hwan ne deɛ ɔbɛyi wo ama no?


Na sɔre gyina wo nan so; na yei nti na meyii me ho mekyerɛɛ woɔ, sɛ mɛyi wo mayɛ wo nnoɔma a woahu me wɔ mu ne deɛ merebɛyi me ho makyerɛ wo wɔ mu no ho somfoɔ ne danseni.


Sɔre kɔ kuro no mu, na wɔbɛka wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios