Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 1:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔhene ka kyerɛɛ n’apiafoɔhene Aspenas, sɛ ɔmfa Israel mu, ahemfo asefoɔ ne mmapɔmma no mu,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Afei ɔhene no ka kyerɛɛ ne piamfohene Aspenas se, ɔmfa mmerante no bi a wofi Yuda adehye abusua mu, ne wɔn a wofi mmusua atitiriw mu a wɔde wɔn aba Babilonia sɛ nnommum no mmra ahemfi hɔ,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ nʼapiafoɔhene Aspenas sɛ, ɔmfa mmeranteɛ no bi a wɔfiri Yuda adehyeɛ abusua mu, ne wɔn a wɔfiri mmusua atitire mu a wɔde wɔn aba Babilonia sɛ nneduafoɔ no mmra ahemfie hɔ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔhene ka kyerɛɛ n’apiafohene Aspenas, sɛ ɔmfa Israelfo mu, ahene asefo ne mmapɔmma no mu

Ver Capítulo Copiar




Daniel 1:3
6 Referencias Cruzadas  

Na ɔtuu Yehoiakyin kɔɔ Babel; na ɔhene na ne ɔhene yerenom ne n’apiafoɔ ne asase no so atumfoɔ, ɔtuu wɔn firii Yerusalem de wɔn kɔɔ Babel,


Hwɛ, nna bi reba a wɔbɛsoa deɛ ɛwɔ wo fie nyinaa ne deɛ w’agyanom akora de abɛduru nnɛ yi akɔ Babel; biribiara renka, AWURADE na ɔseɛ.


Na wo ara wo mma a woawo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu ayitotofoɔ.


Na bosome a ɛtɔ so nson no, Elisama ba Netania ba Ismael a ɔfiri ɔhene asefoɔ ne ɔhene atitire mu no, ne mmarima du a wɔka ne ho baa Ahikam ba Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, na wɔbɔɔ mu didii Mispa hɔ.


Wobɛwo mmammarima ne mmammaa, na wɔrenyɛ wo deɛ, ɛfiri sɛ wɔbɛkɔ nnommumfa mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios