Daniel 1:20 - New Revised Asante Twi Bible20 Na nyansa ne nhunumu asɛm biara a ɔhene bisaa wɔn no, ɔhunuu wɔn sɛ wɔkyɛne nkonyaayifoɔ ne pɛadeahunufoɔ a wɔwɔ n’ahennie mu no nyinaa mprɛdu. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm20 Asɛm biara a ehia nyansa ne ntease a ɔhene no bisa wɔn no ohu sɛ wɔsen nkonyaayifo ne pɛadeahufo a wɔwɔ nʼaheman mu nyinaa no mpɛn du. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm20 Asɛm biara a ɛhia nyansa ne nteaseɛ a ɔhene no bisa wɔn no ɔhunu sɛ, wɔ sene nkonyaayifoɔ ne pɛadeɛhunufoɔ a wɔwɔ nʼahemman mu nyinaa no mpɛn edu. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON20 Na nyansa ne nhumu asɛm biara a ɔhene bisaa wɔn no, ohuu wɔn sɛ wɔkyɛn akurukyerɛwfo ne pɛadeahufo a wɔwɔ n’ahenni nyinaa mu nyinaa mpɛn du. Ver Capítulo |