Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 9:49 - New Revised Asante Twi Bible

49 Na nnipa no nyinaa twitwaa nnua mman de dii Abimelek akyi de bɛguu aban no ho, na wɔde gya too aban no mu guu wɔn so. Na Sekem abankɛseɛ no mu nnipa nyinaa nso wuwuiɛ, mmarima ne mmaa bɛyɛ apem.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

49 Na nnipa no nyinaa twitwaa nnua mman de dii Abimelek akyi de bɛguu aban no ho, na wɔde gya too aban no mu guu wɔn so. Na Sekem abankɛseɛ no mu nnipa nyinaa nso wuwuiɛ, mmarima ne mmaa bɛyɛ apem.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

49 Enti wɔn mu biara twitwaa dua mman no bi, sɛnea Abimelek yɛe no. Wɔboaa mman no ano wɔ nsɔree so no afasu ho de ogya too mu. Enti nnipa a na wɔte Sekem abantenten mu a wɔn dodow bɛyɛ mmarima ne mmea apem no nyinaa wuwui.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

49 Enti, wɔn mu biara twitwaa dua mman no bi, sɛdeɛ Abimelek yɛeɛ no. Wɔboaa mman no ano wɔ asɔreeɛ no afasuo ho de ogya too mu. Enti, nnipa a na wɔte Sekem abantenten mu a wɔn dodoɔ bɛyɛ mmarima ne mmaa apem no nyinaa wuwuiɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

49 Na ɔman no nyinaa twitwaa nnubaa de dii Abimelek akyi de beguu aban no ho, na wɔde gya too aban no mu guu wɔn so. Na Sekem abankɛse no mu nnipa nyinaa nso wuwui, mmarima ne mmea bɛyɛ apem.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 9:49
6 Referencias Cruzadas  

Na sɛ mokeka na momemene mo ho a, monhwɛ yie na moanni mo ho awu.


Na deɛ nitan ne mansotwe wɔ no, ɛhɔ na sakasaka ne nneyɛɛ bɔne nyinaa wɔ.


Na nkasɛɛ ka kyerɛɛ nnua no sɛ: Sɛ nokorɛ mu na moresra me ngo asi me mo so hene a, ɛnneɛ mommra mmɛhyɛ me nwunu ase; na sɛ ɛnte saa a, ogya mfiri nkasɛɛ mu mmɛhye Lebanon ntweneduro no.


Na sɛ ɛnte saa a, ogya mfiri Abimelek mu mmɛhye Sekemfoɔ ne abankɛseɛ mufoɔ, na ogya nso mfiri Sekemfoɔ ne abankɛseɛ mufoɔ mu mmɛhye Abimelek.


Ɛnna Abimelek foro kɔɔ Salmon bepɔ soɔ, ɔne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no nyinaa, na Abimelek faa akuma kuraa ne nsam na ɔkɔtwaa dua mman, na ɔmaa so bɔɔ ne kɔn ho, na ɔka kyerɛɛ ɛdɔm a wɔka ne ho no sɛ: Deɛ moahunu sɛ mayɛ yi, monka mo ho nyɛ sɛdeɛ mayɛ no.


Ɛnna Abimelek sii mu kɔɔ Tebes kɔkyeree Tebes so nsraban, na ɔfae.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios