Atemmufo 9:48 - New Revised Asante Twi Bible48 Ɛnna Abimelek foro kɔɔ Salmon bepɔ soɔ, ɔne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no nyinaa, na Abimelek faa akuma kuraa ne nsam na ɔkɔtwaa dua mman, na ɔmaa so bɔɔ ne kɔn ho, na ɔka kyerɛɛ ɛdɔm a wɔka ne ho no sɛ: Deɛ moahunu sɛ mayɛ yi, monka mo ho nyɛ sɛdeɛ mayɛ no. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron48 Ɛnna Abimelek foro kɔɔ Salmon bepɔ soɔ, ɔne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no nyinaa, na Abimelek faa akuma kuraa ne nsam na ɔkɔtwaa dua mman, na ɔmaa so bɔɔ ne kɔn ho, na ɔka kyerɛɛ ɛdɔm a wɔka ne ho no sɛ: Deɛ moahunu sɛ mayɛ yi, monka mo ho nyɛ sɛdeɛ mayɛ no. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm48 enti odii nʼakofo anim kɔɔ Salmon Bepɔw so. Ɔfaa abonnua twaa mman bi fii dua bi so na ɔde guu ne mmati so. Ɔka kyerɛɛ ne dɔm no se, “Ntɛm, nea mayɛ yi, monyɛ bi!” Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm48 enti ɔdii nʼakodɔm anim kɔɔ Salmon Bepɔ so. Ɔfaa akuma twaa mman bi firii dua bi so na ɔde guu ne mmati so. Ɔka kyerɛɛ ne dɔm no sɛ, “Ntɛm, deɛ mayɛ yi, monyɛ bi!” Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON48 Ɛnna Abimelek foro kɔɔ Salmon bepɔw so, ɔne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa, na Abimelek faa akuma kurae na okotwaa dubaa, na ɔmaa so bɔɔ ne kɔn ho, na ɔka kyerɛɛ ɔman a wɔka ne ho no sɛ: Nea moahu sɛ mayɛ yi, monka mo ho nyɛ sɛ meyɛe no. Ver Capítulo |