Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 9:46 - New Revised Asante Twi Bible

46 Na Sekem abankɛseɛ mufoɔ nyinaa teeɛ no, wɔkɔɔ onyame Berit fie aban mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

46 Na Sekem abankɛseɛ mufoɔ nyinaa teeɛ no, wɔkɔɔ onyame Berit fie aban mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

46 Nnipa a wɔte Sekem abantenten mu tee asɛm a asi no, wokohintaw Baal-Berit nsɔree so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

46 Nnipa a wɔte Sekem abantenten mu tee asɛm a asi no, wɔkɔhintaa Baal-Berit asɔreeɛ so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

46 Na Sekem abankɛse mufo nyinaa tee no, wɔkɔɔ onyame Berit fi aban mu.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 9:46
10 Referencias Cruzadas  

Na Gideon wuiɛ no, Israelfoɔ sane kɔdii Baalim akyiri adwamammɔ mu, na wɔfaa Baal-berit de yɛɛ wɔn nyame.


Na wɔfaa Baal-berit fie nnwetɛbena aduɔson de maa no; na Abimelek de bɔɔ nnipa ahuhufoɔ animharefoɔ bi paa maa wɔdii n’akyi.


Na ɔresɔre wɔ ne nyame Nisrok fie no, ne mma Adramelek ne Sareser de nkrantɛ kumm no, na wɔfirii mu dwane kɔɔ Ararat asase so; na ne ba Esar-Hadon sii n’ananmu dii hene.


Wɔn a wɔyɛ wɔn te sɛ wɔn ara, obiara a ɔde ne ho to wɔn soɔ no.


Na afei, Israel Nyankopɔn, ma wo nsɛm a woka kyerɛɛ w’akoa m’agya Dawid no ntim ɛ!


Na wɔfirii adi kɔɔ mfuo mu kɔtetee wɔn bobe nturo mu aba na wɔkyikyii nsa, na wɔtoo anigyeɛ nnwom, na wɔkɔɔ wɔn nyame fie, na wɔdidi nomee, na wɔdomee Abimelek.


Na wɔkɔka kyerɛɛ Abimelek sɛ Sekem aban mufoɔ nyinaa aboaboa wɔn ano.


Na Yosua kaa sɛ: Monkɔmuni aboɔ akɛseɛ nhini ɔbodan no ano, na momfa mmarima nnyina ho mma wɔnwɛn wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios