Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 9:43 - New Revised Asante Twi Bible

43 Na ɔfaa nnipa no buu wɔn mu akuo mmiɛnsa, na ɔkɔtɛɛ wiram. Na ɔhwɛe, na hwɛ, na nkurɔfoɔ no refiri adi afiri kuro no mu, na ɔsɔre tiaa wɔn kunkumm wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

43 Na ɔfaa nnipa no buu wɔn mu akuo mmiɛnsa, na ɔkɔtɛɛ wiram. Na ɔhwɛe, na hwɛ, na nkurɔfoɔ no refiri adi afiri kuro no mu, na ɔsɔre tiaa wɔn kunkumm wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

43 ɔkyɛɛ ne mmarima mu akuwakuw abiɛsa ma wɔkɔtetɛw wura mu. Bere a Abimelek huu sɛ nnipa no fi kuropɔn no mu reba no, ɔne ne mmarima no fii wɔn ahintawee mu tow hyɛɛ wɔn so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

43 ɔkyɛɛ ne mmarima mu akuakuo mmiɛnsa ma wɔkɔtetɛɛ wira mu. Ɛberɛ a Abimelek hunuu sɛ nnipa no firi kuropɔn no mu reba no, ɔne ne mmarima no firii wɔn atɛeɛ mu to hyɛɛ wɔn so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

43 Na ɔfaa ɔman no buu wɔn mu akuw abiɛsa, na ɔkɔtɛw wuram. Na ɔhwɛe, na hwɛ, ɔman no refi adi afi kurow no mu, na ɔsɔre hyɛɛ wɔn kunkum wɔn.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 9:43
4 Referencias Cruzadas  

Na Dawid gyaa ɛdɔm no kwan de abupɛn mmiɛnsa mu baako hyɛɛ Yoab nsa, na ɔde baako hyɛɛ Seruia ba Abisai, Yoab nua, nsa, na ɔde baako hyɛɛ Gatni Itai nsa. Na ɔhene ka kyerɛɛ ɛdɔm no sɛ: Fire na me nso mene mo bɛfiri akorɔ.


Na adeɛ kyeeɛ no, nkurɔfoɔ no firii adi kɔɔ wira mu; wɔkɔka kyerɛɛ Abimelek.


Na Abimelek ne asafokuo a wɔka ne ho no bɔɔ kirididi kɔgyinaa kuro no pono ano, na asafokuo mmienu no to hyɛɛ wɔn a wɔwɔ wiram no nyinaa so kunkumm wɔn.


Na adeɛ kyeeɛ no, Saulo buu ɔman no mu asafokuo mmiɛnsa na wɔkɔɔ nsraban no mu anɔpa dasuo mu, na wɔkunkumm Amon kɔduruu awia ketee. Na wɔn a ɛkaeɛ no bɔ petee a anka wɔn mu baanu mpo wɔ faako.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios