Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 9:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 Na wɔfirii adi kɔɔ mfuo mu kɔtetee wɔn bobe nturo mu aba na wɔkyikyii nsa, na wɔtoo anigyeɛ nnwom, na wɔkɔɔ wɔn nyame fie, na wɔdidi nomee, na wɔdomee Abimelek.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

27 Na wɔfirii adi kɔɔ mfuo mu kɔtetee wɔn bobe nturo mu aba na wɔkyikyii nsa, na wɔtoo anigyeɛ nnwom, na wɔkɔɔ wɔn nyame fie, na wɔdidi nomee, na wɔdomee Abimelek.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Bere a wɔredi Otwabere Afahyɛ wɔ Sekem wɔ ɛhɔ nyame bi nsɔree so no, bobesa buu so wɔ hɔ maa obiara fitii ase domee Abimelek.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Ɛberɛ a wɔredi otwa afahyɛ wɔ Sekem wɔ ɛhɔ nyame bi asɔreeɛ so no, bobesa buu so hɔ maa obiara hyɛɛ aseɛ domee Abimelek.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 Na wofii adi kɔɔ mfuw mu kɔtetew wɔn bobe nturo mu aba na wokyikyii nsa, na wɔtoo anigye nnwom, na wɔkɔɔ wɔn nyame fi, na wodidi nomee, na wɔdomee Abimelek.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 9:27
20 Referencias Cruzadas  

Ɛnam sɛ ɔdɔɔ nnuabɔ nti, aba ne so, sɛ wampɛ nhyira nti, ɛne no ntam twe.


Na ɛbaa sɛ Mose bɛn nsraban no na ɔhunuu nantwie ba ne asa no ara pɛ, ne bo fui, na ɔtoo apono a ɛwɔ ne nsam no gui maa no bobɔe wɔ bepɔ no ase.


Na wɔtuaa nhema bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ; na ɔman no tenaa ase didii nomee, na wɔsɔre goroe.


Enti hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm kyerɛ wɔn, na se wɔn sɛ: AWURADE firi sorosoro bobom, na ɔma ne nne so firi ne tenabea kronkron hɔ; bɔ na ɔbobɔ mu gu ne nkurɔfoɔ soɔ, ɔteɛ mu sɛ bobe abawɔfoɔ, de tia asase no sofoɔ nyinaa.


na woama wo ho so atia ɔsoro wura, na wɔde ne fie nnwinneɛ aba w’anim, na wo ne w’aberempɔn, wo yerenom ne wo mpenafoɔ anom mu nsa, na woakamfo dwetɛ ne sika, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, dua ne aboɔ anyame a wɔnhunu na wɔnteɛ na wɔnnim hwee no, na Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam a w’akwan nyinaa wɔ no deɛ, woanni no ni.


Na wɔnsu mfrɛɛ me wɔn akoma mu, na wɔbobom wɔn, nnaeɛ so; ayuo ne nsa nti na wɔdi nkyeresoɔ, wɔte m’anim atua.


Na Israelni baa no ba no kaa edin no ho abususɛm, na ɔdomee. Na wɔde no brɛɛ Mose. Nso ne na din de Selomit, Dibri ba a ɔfiri Dan abusuakuo mu;


Na Filistifoɔ asafohene no hyiaa sɛ wɔrebɛbɔ afɔdeɛ kɛseɛ ama wɔn nyame Dagon na wɔagye wɔn ani; na wɔkaa sɛ: Yɛn nyame de yɛn tamfo Samson ahyɛ yɛn nsa.


Na Gideon wuiɛ no, Israelfoɔ sane kɔdii Baalim akyiri adwamammɔ mu, na wɔfaa Baal-berit de yɛɛ wɔn nyame.


Na Ebed ba Gaal ne ne nuanom ba bɛsene kɔɔ Sekem; na Sekemfoɔ no de wɔn ani too ne so.


Na wɔfaa Baal-berit fie nnwetɛbena aduɔson de maa no; na Abimelek de bɔɔ nnipa ahuhufoɔ animharefoɔ bi paa maa wɔdii n’akyi.


Na Sekem abankɛseɛ mufoɔ nyinaa teeɛ no, wɔkɔɔ onyame Berit fie aban mu.


Na Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Meyɛ kraman na wode mpoma reba me nkyɛn yi? Na Filistini no frɛɛ ne nyame domee Dawid.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios