Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 8:33 - New Revised Asante Twi Bible

33 Na Gideon wuiɛ no, Israelfoɔ sane kɔdii Baalim akyiri adwamammɔ mu, na wɔfaa Baal-berit de yɛɛ wɔn nyame.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

33 Na Gideon wuiɛ no, Israelfoɔ sane kɔdii Baalim akyiri adwamammɔ mu, na wɔfaa Baal-berit de yɛɛ wɔn nyame.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

33 Gideon wui ara pɛ, Israelfo no kɔsom Baal ahoni, de bɔɔ wɔn ho ahohwi. Wɔnam so yɛɛ Baal-Berit wɔn nyame.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

33 Gideon wuiɛ ara pɛ, Israelfoɔ no kɔsom Baal ahoni, de bɔɔ wɔn ho ahohwi. Wɔnam so yɛɛ Baal-Berit wɔn nyame.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

33 Na Gideon wui no, Israelfo san kodii Baalim akyi aguamammɔ mu, na wɔfaa Baal-berit de yɛɛ wɔn nyame.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 8:33
17 Referencias Cruzadas  

Na Yehoas yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, ɛfiri sɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada na ɔkyerɛkyerɛɛ no.


wɔdwene sɛ wɔbɛma me man werɛ afiri me din, wɔn adaeɛ a wɔkeka kyerɛkyerɛ wɔn ho no nti, sɛdeɛ Baal nti wɔn agyanom werɛ firii me din no?


Na adwamammɔ a wammu no hwee nti, ɔguu asase no ho fi, na ɔne ɔboɔ ne dua too awadeɛ.


Na Israel som AWURADE, Yosua nna nyinaa, ne nna a mpanimfoɔ a wɔnyini kyɛree Yosua akyiri nyinaa na wɔhunuu AWURADE nnwuma a ɔyɛ maa Israel no nyinaa wɔ hɔ no.


Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfoɔ anyame ne Filistifoɔ anyame, na wɔgyaa AWURADE hɔ na wɔansom no.


Na wɔgyaa AWURADE hɔ, wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim asase soɔ no, na wɔkɔdii anyame foforɔ a wɔfiri aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no mu no anyame akyi, na wɔsɔree wɔn, na wɔyii AWURADE abufuo.


Na wɔn atemmufoɔ no nso, wɔantie wɔn, na wɔdii anyame foforɔ akyi adwamammɔ mu, na wɔsɔree wɔn; ntɛm ara na wɔfirii kwan a wɔn agyanom nantee so tiee AWURADE mmara nsɛm no soɔ; na wɔn deɛ, wɔanni so.


Na sɛ ɔtemmufoɔ no wu a, wɔsane wɔn akyi na wɔsɛe sene wɔn agyanom, di anyame foforɔ akyiri som wɔn sɔre wɔn; wɔannyae wɔn amumuyɛ ne wɔn kɔnseneeɛ kwan so nanteɛ.


Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔn werɛ firii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔkɔsom Baalim ne Asera nnua.


Na Gideon de yɛɛ ngusoɔ, na ɔde sii kuro Ofra mu. Ɛhɔ na Israel nyinaa dii akyire adwamammɔ mu, na ɛdanee Gideon ne ne fie fidie.


Na Yoas ba Gideon wuu akorabɔ pa mu, na wɔsiee no n’agya Yoas asieeɛ a ɛwɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserfoɔ deɛ no.


Na wɔfirii adi kɔɔ mfuo mu kɔtetee wɔn bobe nturo mu aba na wɔkyikyii nsa, na wɔtoo anigyeɛ nnwom, na wɔkɔɔ wɔn nyame fie, na wɔdidi nomee, na wɔdomee Abimelek.


Na wɔfaa Baal-berit fie nnwetɛbena aduɔson de maa no; na Abimelek de bɔɔ nnipa ahuhufoɔ animharefoɔ bi paa maa wɔdii n’akyi.


Na Sekem abankɛseɛ mufoɔ nyinaa teeɛ no, wɔkɔɔ onyame Berit fie aban mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios