Atemmufo 8:26 - New Revised Asante Twi Bible26 Na sika nkaa a ɔbisaeɛ no ano si sika nnwetɛbena apem ahanson; ɛsono asrane nketewa ne aso mu ahyehyɛdeɛ ne ntadeɛ a ɛberedum a ɛhyehyɛ Midian ahemfo no, na ɛsono wɔn yoma kɔn mu ahyehyɛdeɛ no. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron26 Na sika nkaa a ɔbisaeɛ no ano si sika nnwetɛbena apem ahanson; ɛsono asrane nketewa ne aso mu ahyehyɛdeɛ ne ntadeɛ a ɛberedum a ɛhyehyɛ Midian ahemfo no, na ɛsono wɔn yoma kɔn mu ahyehyɛdeɛ no. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm26 Na sikakɔkɔɔ asokaa dodow a wonyae no karii kilogram aduonu ne akyi pɔw anan a nyanne nketewa ne kɔnmuade, Midian ahemfo adehye ahyehyɛde ne nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu wɔn yoma kɔn mu nka ho. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm26 Na sikakɔkɔɔ asomuadeɛ dodoɔ a wɔnyaeɛ no karii kilogram aduonu a asrane nketewa ne kɔnmuadeɛ, Midian ahemfo adehyeɛ ahyehyɛdeɛ ne nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu wɔn yoma kɔn mu nka ho. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON26 Na sika nkaa a obisae no ano si sika nnwetɛbona apem ahansɔn; ɛsono asram nketewa nnwinne ne asom ahyehyɛde ne ntade a ɛberedum a ɛhyehyɛ Midian ahene no, na ɛsono wɔn yoma kɔn mu ahyehyɛde no. Ver Capítulo |