Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 6:39 - New Revised Asante Twi Bible

39 Na Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Mma wo bo mmfu me, na ma menkasa prɛko yi bio. Ma memfa enwi no mensɔ menhwɛ prɛko yi bio, ma enwi no nko nwo na obosuo ntɔ ngu fam hɔ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

39 Na Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Mma wo bo mmfu me, na ma menkasa prɛko yi bio. Ma memfa enwi no mensɔ menhwɛ prɛko yi bio, ma enwi no nko nwo na obosuo ntɔ ngu fam hɔ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

39 Afei, Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Mma wo bo mfuw me. Ma mimmisa ade baako. Ma memfa oguan nwi no nsɔ biribi nhwɛ. Saa bere yi de, ma oguan nwi no nyɛ wosee na baabi a ɛda hɔ no nyinaa mfɔw.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

39 Afei, Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Mma wo bo mfu me. Ma memmisa adeɛ baako. Ma memfa odwannwi no nsɔ biribi nhwɛ. Saa ɛberɛ yi deɛ, ma odwannwi no nyɛ wesee na baabi a ɛda hɔ no nyinaa mfɔ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

39 Na Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Mma wo bo mmfuw me, na ma menkasa prɛko yi bio. Ma memfa nwi no mensɔ menhwɛ prɛko bio: Ma nwi no nko nwo na obosu ntɔ ngu fam hɔ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 6:39
14 Referencias Cruzadas  

Ɛnna ɔkaa sɛ: Mma AWURADE bo mmfu, na ma menkasa: Ebia wɔbɛhunu aduasa wɔ hɔ. Na ɔse: Sɛ mehunu aduasa wɔ hɔ a, merenyɛ.


Na ɔkaa sɛ: Mma AWURADE bo mmfu, na menkasa baako pɛ yi: Ebia wɔbɛhunu edu wɔ hɔ. Na ɔse: Edu no nti merensɛe hɔ.


Adɛn nti na mebaeɛ no, na obiara nni hɔ, mefrɛeɛ no, obiara annye soɔ? Me nsa yɛ tiaa sɛ mentumi mennyeɛ, anaasɛ tumi a mede bɛgye nkwa bi nni me mu? Hwɛ, mede me nkaanim mema ɛpo we, mema nsubɔntene danedane anwea pradada so nsuo a ɛnni hɔ nti, emu nam porɔporɔ, na sukɔm kuku wɔn.


Yei nti mese mo sɛ: Wɔbɛgye Nyankopɔn ahennie no afiri mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.


na ahennie mma no deɛ, wɔbɛto wɔn akɔgu akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ.


Na Paulo ne Barnaba de akokoɔduro kaa sɛ: Ɛhia sɛ anka wɔka Nyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kane; na ɛnam sɛ mosum twene na mobu mo ho sɛ monsɛ daa nkwa yi, hwɛ, yɛdane kɔ amanaman no nkyɛn.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ, na mɛsoma wo mafiri ha akɔ akyirikyiri, amanaman mu.


Enti monhunu sɛ wɔama wɔde Nyankopɔn nkwagyeɛ no akɔma amanaman mufoɔ; na wɔbɛte.


Na adeɛ kyee anɔpa a ɔsɔreeɛ no, ɔkyinsaa enwi no, na ɔkyii enwi no mu obosuo hyɛɛ koraa ma.


Na Onyankopɔn yɛɛ saa, anadwo no, na enwi no nko woe, na fam hɔ nyinaa, obosuo tɔ guu hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios