Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 6:36 - New Revised Asante Twi Bible

36 Na Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Sɛ ɛwom sɛ me so na worebɛfa agye Israel sɛdeɛ wokaeɛ no a,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

36 Na Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Sɛ ɛwom sɛ me so na worebɛfa agye Israel sɛdeɛ wokaeɛ no a,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

36 Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Sɛ wonam me nsa so begye Israel sɛnea woahyɛ bɔ no a,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

36 Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Sɛ wonam me nsa so bɛgye Israel sɛdeɛ woahyɛ bɔ no a,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

36 Na Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Sɛ ɛwom sɛ me so na worebɛfa agye Israel sɛnea wokae no a,

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 6:36
12 Referencias Cruzadas  

Na ɔbisaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, ɛdeɛn na mede bɛhunu sɛ mɛnya?


Na Yesaia se: Yei nyɛ wo AWURADE nsam nsɛnkyerɛnneɛ sɛ AWURADE bɛyɛ adeɛ a waka no: Sunsum no nkɔ anim ntwedeɛ du anaasɛ ɛnsane n’akyi ntwedeɛ du?


Bisa AWURADE wo Nyankopɔn hɔ nsɛnkyerɛnneɛ, ma no nsiane nkɔ sɛ Asamando, anaa ɛnkorɔn sɛ ɔsoro!


Enti AWURADE no ara bɛma mo nsɛnkyerɛnneɛ: Hwɛ, ababaa bi bɛnyinsɛn awo ɔbabanin, na wato no din Imanuel.


Na Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no ba bɛsɔɔ no hwɛe, srɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ wɔn ɔsoro nsɛnkyerɛnneɛ bi.


Na AWURADE danee n’ani kyerɛɛ no na ɔkaa sɛ: Fa w’ahoɔden yi ara kɔ kɔgye Israel Midian nsam; ɛnyɛ soma na masoma woɔ yi?


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa, mɛdi w’akyi na woakum Midian sɛ onipa baako.


hwɛ, mede odwanten nwi merebɛhata awiporebea; sɛ obosuo tɔ nwi no so, na fam hɔ nyinaa wo a, ɛno na mɛhunu sɛ me so na wobɛfa agye Israel, sɛdeɛ wokaeɛ no.


Na sɛ wɔka sɛ: Momforo mmra yɛn so a, ɛnneɛ yɛbɛforo akɔ, ɛfiri sɛ AWURADE de wɔn ahyɛ yɛn nsa, na yei bɛyɛ yɛn nsɛnkyerɛnneɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios