Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 6:32 - New Revised Asante Twi Bible

32 Na wɔfrɛɛ no Yerubaal da no ara sɛ: Baal ne no nni, sɛ waburi n’afɔrebukyia.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

32 Na wɔfrɛɛ no Yerubaal da no ara sɛ: Baal ne no nni, sɛ waburi n’afɔrebukyia.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 Efi saa bere no rekɔ no, wɔfrɛɛ Gideon Yerub-Baal a nkyerɛase ne “Baal nni mma ne ho,” efisɛ ɔno ara na odwiriwii Baal afɔremuka no gui.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 Ɛfiri saa ɛberɛ no rekɔ no, wɔfrɛɛ Gideon Yerubaal a asekyerɛ ne “Baal nni mma ne ne ho,” ɛfiri sɛ, ɔno ara na ɔdwirii Baal afɔrebukyia no guiɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

32 Na wɔfrɛɛ no Yerubaal da no ara se: Baal ne no nni sɛ waburuw n’afɔremuka.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 6:32
7 Referencias Cruzadas  

Hwan na ɔkumm Yerubeset ba Abimelek? Ɛnyɛ ɔbaa bi na ɔtoo ayuyammoɔ ba firi ɔfasuo so bɔɔ no maa no tɔeɛ Tebes no? Adɛn nti na mobɛn ɔfasuo no saa? Ɛnneɛ ka sɛ: W’akoa Uria, Hetini no nso atɔ.


Na sɛdeɛ wo nkuro dodoɔ teɛ no, sɛdeɛ w’anyame nso dodoɔ teɛ ne no, O Yuda; na sɛ Yerusalem mmorɔno dodoɔ teɛ no, saa ara na moasisi afɔrebukyia ama aniwudeɛ, afɔremmukyia a mohye so nnuhwam ma Baal.


Mehunuu Israel sɛ ɛserɛ so bobe aba, mehunuu mo agyanom sɛ borɔdɔmakan, ne bereɛ a ɛdi kan mu; nanso wɔkɔɔ Baal-peor nkyɛn, na wɔdwiraa wɔn ho de maa aniwudeɛ, na wɔn ho yɛɛ nwunu sɛ nnoɔma a na wɔpɛ no ara.


Ɛnna Yoas ka kyerɛɛ nnipa a wɔsɔre tiaa no no nyinaa sɛ: Mo na mobɛko ama Baal, anaasɛ mobɛgye no? Deɛ ɔbɛko ama no no, ma wɔnku no anɔpa; sɛ ɔyɛ onyame a, ma no nko mma ne ho, sɛ wɔaburi n’afɔrebukyia.


Ɛnna Yerubaal (a ɔne Gideon) no ne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa sɔree anɔpahema, na wɔkɔkyeree nsraban Harod nsuo aniwa ho, na Midian nsraban no wɔ n’atifi fam, More kokoɔ ho bonhwa no mu.


nso wɔanyɛ Yerubaal (a ɛyɛ Gideon) fie adɔeɛ amfa antua yie a ɔyɛɛ Israel no nyinaa so ka.


Na AWURADE somaa Yerubaal, Bedan, Yefta ne Samuel, na ɔyii mo firi mo atamfoɔ nsam hyia maa motenaa ase dwoodwoo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios