Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 6:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Na ɛbaa sɛ anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Fa w’agya nantwinini, nantwinini a ɔtɔ so mmienu a wadi mfeɛ nson no, na kɔdwiri Baal afɔrebukyia a ɛyɛ w’agya deɛ no, na twitwa ɛho Asera nnua no gu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 Na ɛbaa sɛ anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Fa w’agya nantwinini, nantwinini a ɔtɔ so mmienu a wadi mfeɛ nson no, na kɔdwiri Baal afɔrebukyia a ɛyɛ w’agya deɛ no, na twitwa ɛho Asera nnua no gu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Anadwo no, Awurade ka kyerɛɛ Gideon se, “Kyere nantwinini a odi mu, ɔto so abien na wadi mfe ason fi wʼagya anantwi mu. Dwiriw wʼagya afɔremuka a osi maa Baal no, na twa Asera dua a esi nkyɛn no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Anadwo no, Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Kyere nantwinini ɔdi mu, ɔtɔ so mmienu na wadi mfeɛ nson firi wʼagya anantwie mu. Dwiri wʼagya afɔrebukyia a ɔsi maa Baal no, na twa Asera dua a ɛsi nkyɛn no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Na anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Fa w’agya nantwinini, nantwinini a ɔto so abien a wadi mfe ason no, na koburuw Baal afɔremuka a ɛyɛ w’agya de no, na twitwa ɛho Asera nnua no gu.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 6:25
14 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne fiefoɔ ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɛ: Montoto anyame ananafoɔ a ɛwɔ mo mu no ngu, na monnwira mo ho, na monsakyera mo ntadeɛ.


Ɛnna Elia twe pinii ɔman no nyinaa nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɛnkɔsi da bɛn na mo adwene bɛyɛ mo ntanta? Sɛ AWURADE ne Onyankopɔn a, monni n’akyi: Sɛ Baal nso a, monni n’akyi! Na ɔman no ammua no asɛm biara.


Sɛ wosane kɔ Otumfoɔ nkyɛn a, wɔde wo bɛsi hɔ, sɛ woyi wo ntomadan mu abusudeɛ kɔ akyirikyiri a, —


Mede nimdeɛ bɛfa pɛyɛ kwan so. Da bɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede m’akoma pɛyɛ bɛnante me fie.


na mmom mommubu wɔn afɔrebukyia na monnwiri wɔn ɔboɔ adum, na montwitwa wɔn abosompɔ Asera ngu.


Deɛ ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛne me no, ɔmfata me; na deɛ ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabaa kyɛne me no, ɔmfata me,


Obiara ntumi nsom awuranom baanu. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtane baako na wadɔ baako, anaasɛ ɔde ne ho bɛbata baako no, na wabu baako animtia. Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon.


Na Petro ne Yohane bua see wɔn sɛ: Sɛ ɛtene Nyankopɔn anim sɛ yɛtie mo sene Onyankopɔn a, mommu atɛn!


Na Petro ne asomafoɔ no buaa sɛ: Ɛsɛ sɛ yɛtie Onyankopɔn mmom sene nnipa.


Na mmom sɛ monyɛ wɔn nie: Monnwiridwiri wɔn afɔrebukyia, na mommubu wɔn aboɔ adum, na montwitwa wɔn abosompɔ ngu, na momfa ogya nhye wɔn ahoni.


Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim.


Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔn werɛ firii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔkɔsom Baalim ne Asera nnua.


Na si afɔrebukyia ma AWURADE wo Nyankopɔn, bepɔ a ɛyɛ den yi atifi, sɛdeɛ ɛho nhyehyɛɛ teɛ; na fa nantwinini a ɔtɔ so mmienu no bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ Asera nnua a wobɛtwa no nnyina no so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios