Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 6:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo kyɛw nie, AWURADE, ɛdeɛn na mede bɛgye Israel? Hwɛ, m’asafo ahodwo Manase mu, na me nso, mene akumaa wɔ m’agya fie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo kyɛw nie, AWURADE, ɛdeɛn na mede bɛgye Israel? Hwɛ, m’asafo ahodwo Manase mu, na me nso, mene akumaa wɔ m’agya fie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Gideon buae se, “Na Awurade, mɛyɛ dɛn agye Israelfo? Mʼabusua na ɛyɛ mmerɛw koraa wɔ Manase abusuakuw mu na me na misua koraa wɔ me fifo nyinaa mu.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Gideon buaa sɛ, “Na Awurade, mɛyɛ dɛn magye Israelfoɔ? Mʼabusua na ɛyɛ mmerɛ koraa wɔ Manase abusuakuo mu na me na mesua koraa wɔ me fiefoɔ nyinaa mu.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo kyɛw ni, Awurade, dɛn na mede megye Israel? Hwɛ, m’asafo agurow Manase mu, na me nso, mene akumaa m’agya fi.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 6:15
13 Referencias Cruzadas  

w’adɔeɛ ne wo nokorɛ a wode akyerɛ w’akoa yi mu biara nsɛ me, ɛfiri sɛ mede me poma na metwaa Yordan yi, na afei mayɛ akuo mmienu.


Na Mose bisaa Onyankopɔn sɛ: Hwan ne me a merekɔ Farao nkyɛn makɔyi Israelfoɔ afiri Misraim?


Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Mesrɛ wo, AWURADE! Me deɛ, ɛde bɛsi nnɛ anaa ɛfiri berɛ a wo ne w’akoa kasaeɛ yi, m’ano nte; me kasa yɛ nyaa, na me tɛkyerɛma yɛ duru.


Ɛnna mekaa sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn! Nokorɛ, mennim kasa, ɛfiri sɛ meyɛ abɔfra.


Enti montie AWURADE agyina a watu no Babel ho, ne ne tirimbɔ a wabɔ no Kaldeafoɔ asase ho no, ampa ara, wɔbɛtwe wɔn sɛ nnwan mu nkumaa no akɔ; ampa ara, wɔn ho bɛyɛ wɔn tenabea ahodwiri.


Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a wosua sɛ wobɛfra Yuda mpem mpem mu, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel sodifoɔ no; na n’ase firi tete nteredee, firi daa a ɛnni ase nna mu.


Na Maria see ɔbɔfoɔ no sɛ: Yei bɛyɛ dɛn na aba mu, ɛfiri sɛ mennim ɔbarima biara?


Na mene asomafoɔ no mu akumaa a mensɛ sɛ wɔfrɛ me ɔsomafoɔ mpo, ɛfiri sɛ metaa Nyankopɔn asafo no;


Me a mene ahotefoɔ nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufoɔ,


Na AWURADE bɔfoɔ ba bɛtenaa dupɔn a ɛwɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserni Yoas deɛ no ase; na ne ba Gideon repore ayuo nsa-kyi-amena mu, sɛ ɔde rehunta Midianfoɔ.


Na Saulo nkoa no kaa nsɛm yi guu Dawid aso mu. Na Dawid kaa sɛ: Ɛyɛ mo ani so adewa sɛ obi bɛyɛ ɔhene aseɛ? Na me deɛ, meyɛ onipa hiani a m’akyiri nyɛ duro.


Na Saulo buaa sɛ: Ɛnyɛ Benyaminni ne me na memfiri Israel mmusuakuo mu ketewa no mu, na ɛnyɛ m’abusua ne Benyamin abusuakuo mu mmusua nyinaa mu ketewa anaa? Na adɛn nti na woka saa asɛm yi kyerɛ me?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios