Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 5:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 AWURADE, wofiri Seir baeɛ no, wofiri Edom asase so bɛneeɛ no, asase wosoe, ɔsoro nso tuee, mununkum nso tuee nsuo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 AWURADE, wofiri Seir baeɛ no, wofiri Edom asase so bɛneeɛ no, asase wosoe, ɔsoro nso tuee, mununkum nso tuee nsuo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 “Awurade, bere a wufii Seir, na wobɔɔ nsra faa Edom mfuw so no, asase wosowee na ɔsoro omununkum tuee nsu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 “Awurade, ɛberɛ a wofirii Seir, na wobɔɔ nsra faa Edom mfuo so no, asase wosoeɛ na ɔsoro omununkum tuee nsuo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 AWURADE, wufi Seir bae no, wufi Edom asase so reba no, asase wosowee, ɔsoro nso tuei, omununkum nso tuee nsu.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 5:4
13 Referencias Cruzadas  

Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Sɛdeɛ monka nkyerɛ me wura Esau ne sɛ: W’akoa Yakob se: Mekɔtenaa Laban nkyɛn na ɛhɔ na mewɔ de abɛduru sɛsɛɛ.


Ɛnna asase hinhimiiɛ, na ɛwosoe, ɔsoro nnyinasoɔ nso popoe, na ɛhinhimii, ɛfiri sɛ na ne bo afu.


Ɔwoso asase firi n’atenaeɛ, na ne nnyinasoɔ popo.


Onyankopɔn, wotɔɔ adɔeɛ suo guu w’agyapadeɛ so, na ɛtɔ piti a, wo na woma no yɛ yie.


Amununkum tɔɔ osuo bibibibi, ewiem tɔnn gyegyee, w’agyan nso pepaa anyinam,


w’aprannaa boboom, ahum a ɛdi kyinhyia mu. Anyinam hyerɛn wiase, asase popoe na ɛwosoe.


Yɛadanedane sɛ wɔn a wonnii wɔn so da; sɛ wɔn a wɔmfaa wo din ntoo wɔn da.


Na mmepɔ bɛnanenane wɔ n’ase, na mmonhwa mu apaepae, sɛdeɛ akraa nane wɔ ogya anim no, te sɛ nsuo a wɔahwie agu deɛ ɛhɔ siane.


AWURADE firi Sinai bae, na ɔpue firii Seir maa wɔn, ɔharan firii Paran bepɔ so; ɔfiri akronkronfoɔ ɔpedu no mu na ɛbaeɛ, ogya a ɛyɛ mmara ma wɔn wɔ ne nifa mu.


Ɔno na ɛberɛ no mu ne nne wosoo asase, na afei wahyɛ bɔ sɛ: Mɛwoso prɛko bio, ɛnyɛ asase nko, na ɔsoro nso.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios