Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 5:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Ɔtenee ne nsa sɔɔ pɛɛwa mu, na ne nifa kuraa adwumayɛfoɔ saeɛ, na ɔde bɔɔ Sisera pɛkyɛɛ ne ti, ɔfitiiɛ na ɔde bɔɔ n’asontorɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 Ɔtenee ne nsa sɔɔ pɛɛwa mu, na ne nifa kuraa adwumayɛfoɔ saeɛ, na ɔde bɔɔ Sisera pɛkyɛɛ ne ti, ɔfitiiɛ na ɔde bɔɔ n’asontorɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Afei, ɔde ne nsa benkum yii ntamadan pɛe, na ɔde ne nsa nifa faa odwumfo asae. Ɔde bɔɔ Sisera, pɛtɛw ne ti. Ɔde pɛe no wɔɔ ne moma so, bɔɔ so kɔɔ ne tirim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Afei, ɔde ne nsa benkum yii ntomadan pɛɛwa, na ɔde ne nsa nifa faa odwumfoɔ asaeɛ. Ɔde bɔɔ Sisera, pɛkyɛɛ ne ti. Ɔde pɛɛwa no wɔɔ ne moma so, bɔɔ so kɔɔ ne tirim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Ɔteɛɛ ne nsa soo bofunnua mu, na ne nifa kuraa adwumayɛfo asae, na ɔde bɔɔ Sisera pɛtɛw ne ti, ofitii n’asontɔre mu de bɔɔ mu.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 5:26
5 Referencias Cruzadas  

Ɛnna ɔbaa no faa nyansa kwan so kɔɔ ɔman no nyinaa nkyɛn. Na wɔtwaa Bikri ba Seba ti to twenee Yoab. Na Yoab hyɛnee totorobɛnto, na wɔfirii kuro no ho hwete kokɔɔ wɔn ntomadan mu. Na Yoab sane baa Yerusalem ɔhene nkyɛn.


Ɛnna Heber yere Yael faa ntomadan no pɛɛwa, na ɔfaa asaeɛ kuraa ne nsam, na ɔkɔɔ ne nkyɛn brɛɛ, na ɔde pɛɛwa no kɔbɔɔ n’asontorɔ mu kɔsii fam, ɛfiri sɛ na ɔbrɛ nti wada hatee, na ɔwui.


Nsuo na ɔresrɛ anom, ɔmaa no nufosuo, koraa fɛfɛ mu na ɔde nufosuo ani sradeɛ baeɛ.


Ɔpono hwee ne nan ase daa hɔ, ɔpono hwee ne nan ase; deɛ ɔpono hweeɛ hɔ, ɛhɔ na ɔhwee ase wuiɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios