Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 5:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na Isakar mu asafohene kaa Debora ho, na Isakar yɛɛ Barak okyiritaafoɔ, wɔtiaa ne nan mu kɔguu bonhwa mu. Ruben asuwa ano na akoma mu pɔbɔ a ɛsoso wɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na Isakar mu asafohene kaa Debora ho, na Isakar yɛɛ Barak okyiritaafoɔ, wɔtiaa ne nan mu kɔguu bonhwa mu. Ruben asuwa ano na akoma mu pɔbɔ a ɛsoso wɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Na Isakar mu atitiriw ka Debora ne Barak ho. Wodii Barak akyi, bɔ wuraa obon no mu. Nanso Ruben abusuakuw mu de, wɔansi wɔn adwene pi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Na Isakar mu atitire ka Debora ne Barak ho. Wɔdii Barak akyi, bɔ wuraa bɔnhwa no mu. Nanso, Ruben abusuakuo mu deɛ, wɔansi wɔn adwene pi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na Isakar mu asafohene kaa Debora ho, na Isakar yɛɛ Barak akyidua, wodii n’akyi kɔɔ obon no mu. Ruben mmusuakuw mu na koma mu pɔwbɔ a ɛsosoe wɔ.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 5:15
10 Referencias Cruzadas  

Nso Yakob mmammarima yɛ dummienu: Lea mma ne Ruben (Yakob abakan), Simeon, Lewi, Yuda, Isakar ne Sebulon.


Isakar mma mu nnipa a wɔyɛ mmerɛ mu nhunumufoɔ sɛ wɔbɛhunu deɛ ɛsɛ sɛ Israel yɛ no, wɔn mu atitire ahanu, na wɔn nuanom nyinaa tiee wɔn.


Ɔkwadwofoɔ se: Gyata wɔ adihɔ, wɔbɛku me, mmorɔno so!


Ɛnna akasakasa a emu yɛ den baeɛ, na ɛmaa wɔpaepaee mu, na Barnaba faa Marko faa nsuo ani kɔɔ Kipro;


Na yɛdii kan kɔɔ suhyɛn mu faa nsuo ani kɔɔ Aso sɛ yɛrekɔfa Paulo wɔ hɔ; sɛdeɛ ɔhyehyɛeɛ ne no, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ ɔbɛfa fam akɔ hɔ.


Na ninkunu a metwe no mo ho no, metwe no Nyankopɔn mu ninkunu. Magye mo awadeɛ sɛ ababaawa a efi nkaa no; na mede mo rekɔma ɔbarima baako a ɔno ne Kristo.


Na Barak maa wɔkɔpae hyiahyiaa Sebulon ne Naftali baa Kedes, na nnipa mpem du dii ne nan so foro kɔe; na Debora nso ne no kɔeɛ.


Ɛnna Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ: Sɔre, na ɛnnɛ ne da a AWURADE de Sisera ahyɛ wo nsa. Ɛnyɛ AWURADE na atu di wɔn anim yi? Ɛnna Barak siane firii Tabor bepɔ soɔ, na nnipa mpem du no dii n’akyi.


Na ɔsoma maa wɔkɔhyiaa Abinoam ba Barak firi Kedes-naftali bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ hyɛ na AWURADE Israel Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ: Kɔ, pinkyɛ Tabor bepɔ, na fa Naftalifoɔ ne Sebulonfoɔ mu mmarima mpem du ka wo ho?


Adɛn nti na wote nnwammuo no ntam retie akuakuo no mu mmɛnhyɛn? Ruben asuwa no ano na akoma mu mpeepeemu akɛseɛ wɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios