Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 4:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Nso Odiyifoɔbaa Debora a ɔyɛ Lapidot yere na na ɔbu Israel atɛn saa berɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Nso Odiyifoɔbaa Debora a ɔyɛ Lapidot yere na na ɔbu Israel atɛn saa berɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Debora a na ɔyɛ Lapidot yere ne odiyifobea na ɔbɛyɛɛ Israelfo temmufo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Debora a na ɔyɛ Lapidot yere ne odiyifoɔ baa na ɔbɛyɛɛ Israelfoɔ ɔtemmufoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Nso odiyifobea Debora a ɔyɛ Lapidot yere na odi Israel anim saa bere no.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 4:4
13 Referencias Cruzadas  

Na Ɔsɔfoɔ Hilkia ne Ahikam ne Akbor ne Safan ne Asaia kɔɔ Odiyifoɔ baa Hulda a ɔyɛ Harhas ba Tikwa ba, ntadeɛ sohwɛfoɔ Salum yere nkyɛn, (nso na ɔte Yerusalem Fa a ɛtɔ so Mmienu mu), na wɔne no kasae.


Me Nyankopɔn, kae Tobia ne Sanbalat sɛdeɛ wɔn nnwuma yi teɛ, ne Odiyifoɔ baa Noadia nso ne adiyifoɔ no a anka wɔrepɛ ayi me hu no.


Na odiyifoɔ baa Miriam a ɔyɛ Aaron nua no faa akasae kurae, na mmaa no nyinaa de akasae ne asa firi dii n’akyi.


Na wo, onipa ba yi w’ani sa wo man mmaa a wɔfiri wɔn adwene mu hyehyɛ nkɔm no, na hyɛ wɔn ho nkɔm sɛ:


Na meyii wo firii Misraim asase so bae, na megyee wo firii nkoafie, na mesomaa Mose, Aaron ne Miriam dii w’anim.


Na odiyifoɔ baa bi a wɔfrɛ no Hana wɔ hɔ. Ɔyɛ Fanuel ba a ɔfiri Aser abusuakuo mu. Wanyini, na ɔwaree ne mmabaaberɛ mu ne ne kunu tenaa mfirinhyia nson.


Na ɔwɔ mma, mmaabunu baanan a wɔhyɛ nkɔm.


Na ɔbaa biara a ɔrebɔ mpaeɛ, anaasɛ ɔrehyɛ nkɔm na ne tiri so da hɔ no, ɔnni ne tiri ni; na ɛte sɛ wabɔ tikwa.


Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbaa nni hɔ bio; ɛfiri sɛ mo nyinaa yɛ baako, Kristo Yesu mu.


Na Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE, ɛfiri sɛ na ɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam ahankron, na ɔhyɛɛ Israelfoɔ so denden mfeɛ aduonu.


Na ɔte Debora kyiresua ase, Rama ne Betel ntam, Efraim bepɔ so; na Israelfoɔ foro ba ne nkyɛn sɛ ɔmmu wɔn atɛn.


Na Debora ne Abinoam ba Barak too dwom da no ara sɛ:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios