Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 4:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Na Sisera de ne nan dwane kɔɔ Kenini Heber yere Yael ntomadan mu, ɛfiri sɛ na asomdwoeɛ wɔ Hasor hene Yabin ne Kenini Heber fie ntam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

17 Na Sisera de ne nan dwane kɔɔ Kenini Heber yere Yael ntomadan mu, ɛfiri sɛ na asomdwoeɛ wɔ Hasor hene Yabin ne Kenini Heber fie ntam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Sisera guan kɔhyɛɛ Kenini Heber yere Yael ntamadan mu, efisɛ na Heber abusuafo ne Hasorhene Yabin wɔ ayɔnkofa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Sisera dwane kɔhyɛɛ Kenini Heber yere Yael ntomadan mu, ɛfiri sɛ, na Heber abusuafoɔ ne Hasorhene Yabin wɔ ayɔnkofa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 Na Sisera de n’anan guan kɔɔ Kenini Heber yere Yael ntamadan mu, efisɛ asomdwoe wɔ Hasor hene Yabin ne Kenini Heber fi ntam.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 4:17
14 Referencias Cruzadas  

Ɔde animtiabuo gu mmapɔmma so, na ɔma wɔkyini asase fo a ɔkwan nni hɔ so.


Ma wɔn pono a ɛsi wɔn anim nnane sɛ apa, na wɔdi yie a, ma no nyɛ afidie mma wɔn.


Onipa ahantan bɛbrɛ no ase, na honhom mu ahobrɛaseɛni nsa bɛka animuonyam.


Asomdwoeɛ nni hɔ mma abɔnefoɔ, me Nyankopɔn na ɔseɛ.


Na nnɔmmarima mu kokoɔdurufoɔ de adagya bɛdwane ɛda no, AWURADE asɛm nie.


Na Barak tii nteaseɛnam no ne dɔm no kɔduruu Haroset-ha-goyim, na Sisera dɔm nyinaa totɔɔ nkrantɛ ano, anka baako mpo.


Na Yael firii adi kɔhyiaa Sisera, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mane, me wura! Mane bra me nkyɛn, nsuro! Na ɔmane baa ne nkyɛn ntomadan no mu, na ɔde kuntu kataa ne so.


Wɔnhyira Yael, mmaa mu, Kenini Heber yere no, wɔnhyira no ntomadan mu, mmaa mu.


Anat ba Samgar berɛ so, Yael berɛ so, atempɔn daa mpan, akwantemfoɔ nantee akwamfo akontonkyi so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios