Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 3:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Israel awoɔ ntoatoasoɔ no bɛhunu akodie na wɔakyerɛ wɔn a akane no na wɔnnim no:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Israel awoɔ ntoatoasoɔ no bɛhunu akodie na wɔakyerɛ wɔn a akane no na wɔnnim no:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ Israel nkyirimma a wɔnkɔɔ ɔko da no sɛnea wobenya akodi ho nimdeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ Israel nkyirimma a wɔnkɔɔ ɔko da no sɛdeɛ wɔbɛnya akodie ho nimdeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 sɛnea ɛbɛyɛ na Israel awo ntoatoaso no behu akodi na wɔakyerɛ wɔn a kan no wonnim no:

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 3:2
13 Referencias Cruzadas  

Na mmom papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no deɛ, nni; ɛfiri sɛ da a wobɛdi bie no, wuo na wobɛwuo.


na Onyankopɔn nim sɛ da a mobɛdi bie no, mo ani bɛbue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahunu papa ne bɔne.


Na wɔn baanu ani buebuee, na wɔhunuu sɛ wɔdeda adagya, enti wɔpempam borɔdɔma ahahan yɛɛ nkatanim fae.


Nanso wɔbɛyɛ no nkoa, na wɔahunu me som ne nsase so ahennie som no.


Yeinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoeɛ. Mo ho bɛhiahia mo wiase deɛ, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.


Ko gyidie ko pa no, sɔ daa nkwa a wɔbɔɔ din frɛɛ woɔ na wopaee mu kaa no yie adansefoɔ pii anim no mu.


Na wo nso, mia w’ani hunu amane sɛ Kristo Yesu sraani pa.


Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidie no, makora.


Na yeinom ne amanaman a AWURADE gyaee wɔn sɛ ɔde bɛsɔ Israel a wɔanhunu Kanaan ko no biara no nyinaa ahwɛ no,


Filistifoɔ ahemfo baanum no ne Kanaanfoɔ ne Sidonfoɔ ne Hewifoɔ a wɔte Lebanon bepɔ soɔ de firi Baal-hermon bepɔ ho kɔsi Hamet ahyɛneeɛ no nyinaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios