Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 20:41 - New Revised Asante Twi Bible

41 Na Israel mmarima no nso danedanee wɔn ho, na nketenkete kutaa Benyamin mmarima no, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ amaneɛ ato wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

41 Na Israel mmarima no nso danedanee wɔn ho, na nketenkete kutaa Benyamin mmarima no, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ amaneɛ ato wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Israelfo no san ba bɛtow hyɛɛ wɔn so. Afei, Benyamin akofo no huu sɛ asɛm aba na wɔbɔɔ huboa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Israelfoɔ no sane baeɛ bɛto hyɛɛ wɔn so. Afei, Benyamin akofoɔ no hunuu sɛ asɛm aba na wɔbɔɔ huboa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

41 Na Israel mmarima no nso dannan wɔn ho, na nketenkete kitaa Benyamin mmarima no, efisɛ wohuu sɛ amane ato wɔn.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 20:41
14 Referencias Cruzadas  

Pɛyɛfoɔ tenenee bɛtene ne kwan, na ɔbɔnefoɔ deɛ ɔbɛhwe ase n’abɔnefosɛm mu.


Teefoɔ tenenee bɛgye wɔn, na nkontompofoɔ deɛ mmusubɔ mu na wɔbɛkye wɔn.


Onipa bɔne mmarato mu wɔ fidie, na ɔteneneeni bɛto ahurisie dwom, na n’ani agye.


Ɔbɔnefoɔ amumuyɛ sɔ ne mu, na ne bɔne nhoma kye no.


Sion mu nnebɔneyɛfoɔ ho popo, na ehu aka ahuhufoɔ: Yɛn mu hwan na ɔbɛtena ogya a ɛhye adeɛ ho? Yɛn mu hwan na ɔbɛtena daa gyadɛreɛ mu?


na ehu ne nnoɔma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ bera; ɛfiri sɛ wɔbɛwoso ɔsoro ahoɔden.


Na berɛ a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoeɛ ne ahotɔ no, ɛnneɛ mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wɔn soɔ sɛ awoko ba ɔbaa a ɔnyem soɔ, na wɔrennya kwan nnwane.


Na Ai mmarima no danedanee wɔn ani hwɛɛ wɔn akyiri no, na hwɛ, na kuro no mu wisie retu kɔ soro, na wɔnnya kwan nnwane nkɔ ha anaa ha. Na nnipa a wɔdwane kɔɔ ɛserɛ soɔ no danedanee wɔn ho tiaa atifoɔ no.


Na yeinom deɛ, wɔte sɛ mmoa a wɔnni adwene a wɔn su ne sɛ wɔawo wɔn sɛ wɔnkyere wɔn nkum wɔn. Wɔka deɛ wɔnnim ho nsɛmmɔne, wɔbɛsɛe wɔn ara wɔn sɛeɛ mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios