Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 20:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na Israelfoɔ no kɔ kɔsuu AWURADE anim kɔsii anwummerɛ, na wɔbisaa AWURADE kaa sɛ: Mentwe mpini bio na me ne me nua Benyamin mma nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ ne so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Na Israelfoɔ no kɔ kɔsuu AWURADE anim kɔsii anwummerɛ, na wɔbisaa AWURADE kaa sɛ: Mentwe mpini bio na me ne me nua Benyamin mma nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ ne so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Na wɔakɔ Bet-El akosu wɔ Awurade anim akosi anwummere. Afei, wobisaa Awurade se, “Yɛne yɛn ara abusuafo a wofi Benyamin nko bio ana?” Na Awurade buae se, “Monkɔ na mo ne wɔn nkɔko.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Na wɔakɔ Bet-El akɔsu wɔ Awurade anim akɔsi anwummerɛ. Afei, wɔbisaa Awurade sɛ, “Yɛne yɛn ara abusuafoɔ a wɔfiri Benyamin nko bio anaa?” Na Awurade buaa sɛ, “Monkɔ na mo ne wɔn nkɔko.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na Israelfo no kɔ kosui AWURADE anim kosii anwummere, na wobisaa AWURADE se: So mintwiw nkɔ bio na me ne me nua Benyamin mma no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ no so.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 20:23
14 Referencias Cruzadas  

Na ɔman no nyinaa baa sɛ wɔrebɛkorɔkorɔ Dawid ama no adidi, na owia da so wɔ hɔ no, Dawid kaa ntam sɛ: Sei na Onyankopɔn nyɛ me na ɔnkɔ so nyɛ, sɛ mede aduane anaa biribiara meka m’ano ansa na owia akɔtɔ a!


Mɛkɔ, mɛsane makɔ baabi, akɔsi sɛ ɛbɛka wɔn ani na wɔabɛhwehwɛ m’anim; wɔn ho hiahia wɔn a, wɔbɛhwehwɛ me ntɛm.


Na Yosua sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde n’anim butuu fam, AWURADE adaka no anim de kɔsii anwummerɛ, ɔno ne Israel mpanimfoɔ, na wɔde dɔteɛ guguu wɔn atifi.


Na Yosua kaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, adɛn nti na wode ɔman yi twaa Yordan sɛ wode yɛn rebɛhyɛ Amorifoɔ nsa na wɔasɛe yɛn? Yɛnim a, anka yɛpene tenaa Yordan agya hɔ ara.


Na Yosua wuo akyiri no, Israelfoɔ bisaa AWURADE sɛ: Yɛn mu hwan na ɔntu kane ne Kanaanfoɔ nkɔko?


Na Israelfoɔ sɔree, na wɔsii mu kɔɔ Betel kɔbisaa Onyankopɔn; na wɔse: Yɛn mu hwan na ɔnkɔ kane ne Benyaminfoɔ no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Yuda nkɔ kane.


Na Israel mmarima dɔm no miaa wɔn ani, na wɔtwitwaa wɔn mpasua bio deɛ wɔtwitwaa no da a ɛdi kan hɔ no ara.


Na Israelfoɔ no pinkyɛɛ Benyaminfoɔ baa wɔn so da a ɛtɔ so mmienu no.


Na ɔman no baa Betel bɛtenaa Nyankopɔn anim kɔduruu anwummerɛ, na wɔmemaa wɔn nne so suu su kɛseɛ.


Na wofiri hɔ kɔ w’anim, na woduru Tabor dupɔn no ho a, mmarima baasa a wɔrekɔ Nyankopɔn nkyɛn Betel bɛhyia wo hɔ, ɔbaako so mmirekyie mmiɛnsa, na ɔbaako so paanoo mua mmiɛnsa, na ɔbaako so bobesa ahina ma.


Ɛnna abɔfoɔ no baa Gibea, faako a Saulo firi bɛkaa asɛm no ɔman no aso mu; na ɔman no nyinaa memaa wɔn nne so sui.


Na wɔbɛhyiaa wɔ Mispa, na wɔsaa nsuo hwie guu AWURADE anim, na wɔdii abuada da no, na wɔkaa no ɛhɔ sɛ: Yɛayɛ AWURADE bɔne. Na Samuel buu Israelfoɔ atɛn Mispa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios