Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 20:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na Israelfoɔ sɔree, na wɔsii mu kɔɔ Betel kɔbisaa Onyankopɔn; na wɔse: Yɛn mu hwan na ɔnkɔ kane ne Benyaminfoɔ no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Yuda nkɔ kane.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Na Israelfoɔ sɔree, na wɔsii mu kɔɔ Betel kɔbisaa Onyankopɔn; na wɔse: Yɛn mu hwan na ɔnkɔ kane ne Benyaminfoɔ no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Yuda nkɔ kane.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Ansa na wɔrebefi ɔko no ase no, Israelfo no kɔɔ Bet-El kobisaa Onyankopɔn se, “Abusuakuw bɛn na ɛsɛ sɛ wodi ɔko no anim tia Benyaminfo no?” Awurade buae se, “Yuda na ɛsɛ sɛ wodi anim.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Ansa na wɔrebɛfiri ɔko no ase no, Israelfoɔ no kɔɔ Bet-El kɔbisaa Onyankopɔn sɛ, “Abusuakuo bɛn na ɛsɛ sɛ wɔdi ɔko no anim tia Benyaminfoɔ no?” Awurade buaa sɛ, “Yuda na ɛsɛ sɛ wɔdi animu.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na Israelfo sɔree, na wosiim kɔɔ Betel kobisaa Onyankopɔn; na wose: Yɛn mu hena na ɔnkɔ kan ne Benyaminfo no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Yuda nkɔ kan.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 20:18
15 Referencias Cruzadas  

Monyɛ abuadadie kronkron, mompae asɔfoɔ nhyiamu, mommoa mpanimfoɔ ano, asase sofoɔ nyinaa mmra AWURADE mo Nyankopɔn fie, na monsu mfrɛ AWURADE.


Na ɔnkɔgyina Ɔsɔfoɔ Eleasa anim, na ɔmmisa urim atemmuo mma no, AWURADE anim; wɔmfa n’asɛm so mfiri adi, na wɔmfa n’asɛm so mmra mu, ɔno ne Israelfoɔ a wɔka ne ho nyinaa, ne asafo mu no nyinaa.


Na Mose de wɔn asɛm no baa AWURADE anim.


Na Israelfoɔ asafo no nyinaa bɛhyiaa Silo, na wɔsii ahyiaeɛ ntomadan no wɔ hɔ, na wɔbrɛɛ asase no ase wɔn anim.


Na mmarima no faa wɔn akwansoduane no bi, na AWURADE anomu asɛm deɛ, wɔammisa.


Na wɔde Mika honi a wɔasene a ɔyɛeɛ no sii hɔ fae nna a Nyankopɔn fie no wɔ Silo no nyinaa.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛfiri Betlehem Yuda retwam akɔ Efraim bepɔ asase no so akyirikyiri baabi; ɛhɔ na mefire na mekɔɔ Betlehem Yuda. Na AWURADE fie na merekorɔ yi, nso obiara mmɛfa me nkɔsoɛ ne fie.


Na Israel mmarima a wɔkan wɔn no, wɔyi Benyamin firi mu a, wɔyɛ mmarima mpemahanan a wɔtwe nkrantɛ. Yeinom nyinaa yɛ mmarima akofoɔ.


Na Israelfoɔ no sɔree anɔpa kɔkyeree Gibea so nsraban.


Na Israelfoɔ no kɔ kɔsuu AWURADE anim kɔsii anwummerɛ, na wɔbisaa AWURADE kaa sɛ: Mentwe mpini bio na me ne me nua Benyamin mma nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ ne so.


Na afei mo Israelfoɔ nyinaa nie, momma yɛn mo adwene ne afotuo wɔ ha yi ara.


Na wofiri hɔ kɔ w’anim, na woduru Tabor dupɔn no ho a, mmarima baasa a wɔrekɔ Nyankopɔn nkyɛn Betel bɛhyia wo hɔ, ɔbaako so mmirekyie mmiɛnsa, na ɔbaako so paanoo mua mmiɛnsa, na ɔbaako so bobesa ahina ma.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios