Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 20:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na wɔkan Benyaminfoɔ no da no ara, wɔn a wɔfifiri nkuro mu, nnipa mpemaduonu nsia a wɔtwe nkrantɛ; ɛsono Gibeafoɔ a wɔkan wɔn a wɔyɛ mmarima a wɔayi wɔn ahanson no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na wɔkan Benyaminfoɔ no da no ara, wɔn a wɔfifiri nkuro mu, nnipa mpemaduonu nsia a wɔtwe nkrantɛ; ɛsono Gibeafoɔ a wɔkan wɔn a wɔyɛ mmarima a wɔayi wɔn ahanson no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Akofo mpem aduonu asia a wokurakura afoa koduu Gibea, kɔkaa akofo ahanson a na wɔte hɔ dedaw no ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Akofoɔ mpem aduonu nsia a wɔkurakura akofena kɔduruu Gibea, kɔkaa akofoɔ ahanson a na wɔte hɔ dada no ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na wɔkan Benyaminfo da no ara, wɔn a wofifi nkurow mu, nnipa ɔpeduonu asia a wɔtwe nkrante; ɛsono Gibeafo a wɔkan wɔn a wosi mmarima a wɔapaw wɔn ahansɔn no.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 20:15
9 Referencias Cruzadas  

Benyamin mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,


nnipa a wɔkan wɔn maa Benyamin abusuakuo no yɛ mpem aduasa nnum ne ahanan.


na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduasa nnum ne ahanan.


Yeinom ne Benyamin mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; na wɔn a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduanan nnum ne ahansia.


Na Benyaminfoɔ no fifiri nkuro mu bɛboaa wɔn ano Gibea, sɛ wɔbɛfiri ne Israelfoɔ no akɔko.


Na Israel mmarima dɔm no miaa wɔn ani, na wɔtwitwaa wɔn mpasua bio deɛ wɔtwitwaa no da a ɛdi kan hɔ no ara.


Na Benyamin firii adi firii Gibea da a ɛtɔ so mmienu no, na wɔkaa Israelfoɔ no mu mmarima mpem dunwɔtwe guu fam bio, yeinom nyinaa yɛ mmarima a wɔtwe nkrantɛ.


Na AWURADE kumm Benyamin Israel anim, na Israelfoɔ no dwerɛɛ Benyamin mmarima mpemaduonu nnum ne ɔha da no. Yeinom nyinaa yɛ mmarima a wɔtwe nkrantɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios