Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 2:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 na wɔde wɔn asɔ Israel ahwɛ sɛ wɔbɛhwɛ AWURADE kwan no anante so, sɛdeɛ wɔn agyanom hwɛeɛ no anaasɛ wɔrenhwɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 na wɔde wɔn asɔ Israel ahwɛ sɛ wɔbɛhwɛ AWURADE kwan no anante so, sɛdeɛ wɔn agyanom hwɛeɛ no anaasɛ wɔrenhwɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Meyɛɛ eyi de sɔɔ Israel hwɛe sɛ wobetie Awurade sɛnea wɔn agyanom yɛe no.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Meyɛɛ yei de sɔɔ Israel hwɛeɛ sɛ wɔbɛtie Awurade sɛdeɛ wɔn agyanom yɛeɛ no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 na wɔde wɔn asɔ Israel ahwɛ sɛ wɔbɛhwɛ AWURADE kwan no anantew so, sɛnea wɔn agyanom yɛe no, anaasɛ wɔrenhwɛ.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 2:22
12 Referencias Cruzadas  

Na nsɛm yi akyiri no, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Abraham! Na ɔse: Menie.


Na ne saa nti Babel mmapɔmma akyeame a wɔsomaa wɔn ne nkyɛn sɛ wɔmmɛbisa anwanwadeɛ a ɔyɛɛ no asase no soɔ no baeɛ no, Onyankopɔn gyaa no sɛ ɔresɔ no ahwɛ na wahunu n’akoma mu nyinaa.


Na ɔnim kwan a mefa soɔ. Ɔsɔ me hwɛ a, mɛfiri mu sɛ sika mapa a wɔde afa ogya mu.


Na wo, Onyankopɔn, na woakari yɛn ahwɛ, woanane yɛn ahwɛ sɛ wɔnane dwetɛ hwɛ mu.


Na ɔsu frɛɛ AWURADE, na AWURADE kyerɛɛ no dua bi, na ɔde too nsuo no mu, na nsuo no yɛɛ dɛ. Ɛhɔ na ɔhyɛɛ ahyɛdeɛ ne atemmuo maa wɔn, na ɛhɔ nso na ɔsɔɔ wɔn hwɛeɛ,


Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika, na deɛ ɔsɔ akoma hwɛ ne AWURADE.


ntie odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no nsɛm no. Ɛfiri sɛ AWURADE mo Nyankopɔn resɔ mo ahwɛ na wahunu sɛ mode mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa bɛdɔ no anaa.


ɔde mana a wo nananom nnim maa wodii wɔ ɛserɛ so, sɛ ɔrebrɛ wo aseɛ na wasɔ wo ahwɛ, na awieeɛ no, wayɛ wo yie,


Na kae kwan a AWURADE wo Nyankopɔn maa wonantee so mfirinhyia aduanan yi ɛserɛ soɔ no nyinaa, sɛ ɔrebrɛ wo ase asɔ wo ahwɛ, na wahunu deɛ ɛwɔ w’akoma mu, sɛ wobɛdi ne mmara nsɛm so anaasɛ worenni so.


Enti AWURADE gyaee amanaman no komm, na wantu wɔn ntɛm, na wamfa wɔn anhyɛ Yosua nsa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios