Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 19:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Na ɔmaa n’ani so, na ɔhunuu ɔbarima kwantenni no, kuro no abɔntene so, na akɔkoraa no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛhe na worekorɔ, na ɛhe nso na wofire?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

17 Na ɔmaa n’ani so, na ɔhunuu ɔbarima kwantenni no, kuro no abɔntene so, na akɔkoraa no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛhe na worekorɔ, na ɛhe nso na wofire?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Bere a ohuu akwantufo yi sɛ wɔtete kurow no abɔnten kɛse so no, obisaa wɔn faako a wofi ne nea wɔrekɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Ɛberɛ a ɔhunuu akwantufoɔ yi sɛ wɔtete kuro no abɔntene kɛseɛ so no, ɔbisaa wɔn baabi a wɔfiri ne baabi a wɔrekorɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 Na ɔmaa n’ani so, na ohuu ɔbarima kwantenni no kurow no abɔnten so, na akwakoraa no bisaa no sɛ: Ɛhe na worekɔ, na ɛhe nso na wufi?

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 19:17
7 Referencias Cruzadas  

Na ɔbisaa sɛ: Hagar, Sarai afenaa, wofiri he na woreba, na worekɔ he ni? Na ɔse: Mefiri m’awuraa Sarai anim na meredwane.


Na ɔhyɛɛ deɛ ɔdi kan no sɛ: Sɛ me nua Esau bɛhyia wo, na ɔbisa wo sɛ: Hwan nipa ne wo, na ɛhe na worekorɔ, na yeinom a ɛdi w’anim yi yɛ hwan dea?


Da koro bi a ɔhɔhoɔ bi baa ɔdefoɔ no nkyɛn no, wampɛ sɛ ɔde ne nnwan ne n’anantwie no bi som ɔkwantuni a ɔbɛsoɛɛ no no hɔhoɔ, na ɔkɔfaa ohiani no dwan no siesie maa ɔbarima a ɔbaa ne nkyɛn no.


akwantempɔn afu, akwantemfoɔ to atwa; wɔabu apam no so, wɔabu nkuro animtia, wɔammu ɔdasani biara.


O Israel anidasoɔ, wo a wogye wɔn ohia berɛ mu, ɛdeɛn nti na woyɛ sɛ asase yi so hɔhoɔ, sɛ ɔkwantenni a ɔsoɛ anadwo?


Na hwɛ, akɔkoraa bi firi n’adwuma ano afuom anwummerɛ bae; na onipa no firi Efraim bepɔ so na ɔbɛyɛɛ hɔhoɔ Gibea, na kurom hɔfoɔ yɛ Benyaminfoɔ.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛfiri Betlehem Yuda retwam akɔ Efraim bepɔ asase no so akyirikyiri baabi; ɛhɔ na mefire na mekɔɔ Betlehem Yuda. Na AWURADE fie na merekorɔ yi, nso obiara mmɛfa me nkɔsoɛ ne fie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios