Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 17:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɔbarima no firii Betlehem Yuda kuro no mu sɛ ɔrekɔ baabiara a ɔbɛnya; na n’akwantuo no mu, ɔduruu Mika fie wɔ Efraim bepɔ so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na ɔbarima no firii Betlehem Yuda kuro no mu sɛ ɔrekɔ baabiara a ɔbɛnya; na n’akwantuo no mu, ɔduruu Mika fie wɔ Efraim bepɔ so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 beduu saa beae hɔ wɔ Efraim asase so a ɔrehwehwɛ baabi foforo atena. Ɛbae sɛ, ɔkɔsoɛɛ wɔ Mika fi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 bɛduruu saa beaeɛ hɔ wɔ Efraim asase so a ɔrepɛ baabi pa atena. Ɛbaa sɛ, ɔkɔsoɛɛ Mika fie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔbarima no fii Betlehem Yuda kurow no mu sɛ ɔkɔ baabiara a obenya; na n’akwantu no mu oduu Mika fi wɔ Efraim bepɔw so.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 17:8
6 Referencias Cruzadas  

Na Aaron ba Eleasa nso wui, na wɔkoraa no ne ba Pinehas kuro Gibea a wɔde maa no, Efraim bepɔ soɔ no mu.


Na Lewini no penee sɛ ɔne ɔbarima no bɛtena, na aberanteɛ no yɛɛ no sɛ ne mmammarima mu baako.


Na aberanteɛ bi wɔ hɔ a ɔfiri Betlehem Yuda, Yuda abusua bi mu; na ɔyɛ Lewini, na ɔkɔyɛɛ hɔ hɔhoɔ.


Na Mika ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛhe na wofiri reba yi? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Meyɛ Lewini a mefiri Betlehem Yuda, na menam merekɔtena baabiara a mɛnya.


Na nna a atemmufoɔ no bu atɛn no mu no, ɛkɔm baa asase no so. Na ɔbarima bi a ɔfiri Betlehem a ɛwɔ Yuda kɔɔ sɛ ɔrekɔtena Moab asase so ayɛ hɔ hɔhoɔ, ɔno ne ne yere ne ne mmammarima baanu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios