Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 17:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na Mika kaa sɛ: Afei na mahunu sɛ AWURADE rebɛyɛ me yie sɛ manya Lewini a ɔdi me sɔfoɔ yi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na Mika kaa sɛ: Afei na mahunu sɛ AWURADE rebɛyɛ me yie sɛ manya Lewini a ɔdi me sɔfoɔ yi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Na Mika kae se, “Minim sɛ Awurade behyira me, efisɛ mewɔ Lewini a ɔresom sɛ me sɔfo.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Na Mika kaa sɛ, “Menim sɛ Awurade bɛhyira me, ɛfiri sɛ, mewɔ Lewini a ɔresom sɛ me ɔsɔfoɔ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na Mika kaa sɛ: Afei na mahu sɛ AWURADE rebɛyɛ me yiye sɛ manya Lewini a odi me sɔfo yi.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 17:13
11 Referencias Cruzadas  

Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛtene onipa ani soɔ, na n’awieeɛ yɛ owuo kwan.


Nso na ɔdie; wɔadaadaa n’adwene ama no ato kwan, na ɔntumi nnye ne kra, nso ɔnka sɛ: Ɛnyɛ atorɔ na ɛwɔ me nsa nifa mu yi?


Na ɔbuaa sɛ: Dua biara a ɛnyɛ me soro Agya na ɔduaeɛ no, wɔbɛtu.


Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.


Wɔbɛtu mo afiri hyia adan mu; mpo ɛberɛ reba a obiara a ɔbɛkum mo bɛsusu sɛ ɔde resom Onyankopɔn.


Ɛwɔ mu sɛ ɛyɛɛ me ara nso sɛ, ɛsɛ me sɛ meyɛ nnoɔma pii metia Yesu Nasareni no din;


Na Mika hyɛɛ Lewini no sɔfoɔ, na aberanteɛ no bɛyɛɛ ne sɔfoɔ, na ɔtenaa Mika fie.


Nna no mu no, na ɔhene biara nni Israel; na nna no mu nso na Danfoɔ abusuakuo no rehwehwɛ agyapadeɛ atena so, ɛfiri sɛ ɛde bɛsi saa berɛ no na agyapadeɛ bi nnya mmɛtɔɔ wɔn fam Israel mmusuakuo no mu.


Na ɔse: M’anyame a meyɛeɛ ne ɔsɔfoɔ no, moafa de rekɔ, na ɛdeɛn na mewɔ bio? Na afei adɛn na moka kyerɛ me sɛ: Ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ, yi?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios