Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 16:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Na berɛ a na wɔn ani agyeɛ no, wɔkaa sɛ: Momfrɛ Samson na ɔmmɛgoro nkyerɛ yɛn. Na wɔkɔfrɛɛ Samson firii apokyerɛfoɔ fie bae, na ɔgoroo wɔn anim, na wɔde no gyinaa adum no ntam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 Na berɛ a na wɔn ani agyeɛ no, wɔkaa sɛ: Momfrɛ Samson na ɔmmɛgoro nkyerɛ yɛn. Na wɔkɔfrɛɛ Samson firii apokyerɛfoɔ fie bae, na ɔgoroo wɔn anim, na wɔde no gyinaa adum no ntam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Nnipa no bow nsa kakra no, wɔhyɛɛ sɛ, “Momfa Samson mmra na ommegye yɛn ani.” Enti woyii Samson fii afiaase. Wɔde no gyinaa asɔredan no mfimfini wɔ adum abien a ekura ɔdan no nkuruso no ntam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Nnipa no boroo nsã kakra no, wɔhyɛɛ sɛ, “Momfa Samson mmra na ɔmmɛgye yɛn ani.” Enti, wɔyii Samson firii nnedua fie. Wɔde no gyinaa asɔredan no mfimfini wɔ adum mmienu a ɛkura ɛdan no mmɔsoɔ no ntam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Na bere a wɔn ani agye no, wɔkae sɛ: Momfrɛ Samson na ommegoru nkyerɛ yɛn. Na wɔkɔfrɛɛ Samson fii apokyerɛfo fi bae, na ogoruu wɔn anim, na wɔde no gyinaa adum no ntam.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 16:25
23 Referencias Cruzadas  

Nso na Absalom ahyɛ ne mmeranteɛ sɛ: Monhwɛ, na sɛ Amnon boro nsa tam na mese mo sɛ: Mommɔ Amnon a, monku no. Monnsuro, ɛnyɛ me na mahyɛ mo? Monyɛ den, na monyɛ mo ho mmarima.


Na ɛbaa sɛ ɔtee asɛm yi no, na ɔne ahemfo no renom nsa asese mu, ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Montoa kuro no! Na wɔto hyɛɛ kuro no so.


Da a ɛtɔ so nson a nsa ama ɔhene ani agyeɛ no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas, mpiafoɔ baason no a wɔsom Ɔhene Akas-weros anim no,


Na awɛmfoɔ no firi kɔɔ ntɛmntɛm sɛdeɛ ɔhene kaeɛ no, na wɔhyɛɛ mmara no Susa ahenkuro mu. Na ɔhene no ne Haman tenaa ase sɛ wɔrebɛnom nsa; na Susa kuro no mu ayɛ bisibasaa.


Wɔn a wɔtete kuro pono mu ka me ho asɛm, na nsanomfoɔ de me to dwom.


Ɛfiri sɛ wɔtaa deɛ wo ara woabɔ no no, na wɔka wɔn a woapira wɔn no yea kyerɛ.


Na hwɛ, ahosɛpɛ ne anigyeɛ, anantwie menetwa ne nnwan kum, ɛnamdie ne nsanom nie: “Momma yɛnnidi na yɛnnom na ɔkyena na yɛawu.”


na wɔde nkasɛɛ nwonoo abotire hyɛɛ ne ti, na wɔde demmire hyɛɛ ne nsa nifa mu, na wɔbuu nkotodwe n’anim goroo ne ho sɛ: Yudafoɔ hene, mo oo!


Na afoforɔ hunuu animguasedeɛ ne ɔhweɛ, mpokyerɛ ne afiase nna nso.


Na ɔman no hunuu no no, wɔyii wɔn nyame no ayɛ, na wɔkaa sɛ: Yɛn nyame de yɛn tamfo ne yɛn asase sɛefoɔ a wakunkum yɛn mu pii no ahyɛ yɛn nsa.


Na Samson ka kyerɛɛ abɔfra a ɔkura ne nsa no sɛ: Gyaa me na mensosɔ adum mmienu a ɛdan no si soɔ no mu, na mentwere.


Ɛnna ɔsɔfoɔ no penee soɔ, na ɔfaa asɔfotadeɛ ne abusua ahoni ne ohoni a wɔasene no, na ɔde kɔɔ ɛdɔm no mu.


Na wɔtenatenaa ase, na wɔn baanu no nyinaa didii na wɔnomee. Na ababaa no agya no ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: Pene ɛ, na da anadwo yi, na gye w’ani.


Na ɔbarima no sɔree sɛ ɔrekɔ, ɔno ne ne mpena ne n’abɔfra no. Na n’ase, ababaa no agya no, ka kyerɛɛ no sɛ: Enwunu redwo na adeɛ reyɛ asa, monna ɛ, hwɛ, adesaeɛ abɛn, da ha na gye w’ani, na ɔkyena moatua nhema atu mo kwan akɔ wo fie.


Na wɔfirii adi kɔɔ mfuo mu kɔtetee wɔn bobe nturo mu aba na wɔkyikyii nsa, na wɔtoo anigyeɛ nnwom, na wɔkɔɔ wɔn nyame fie, na wɔdidi nomee, na wɔdomee Abimelek.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios