Atemmufo 16:23 - New Revised Asante Twi Bible23 Na Filistifoɔ asafohene no hyiaa sɛ wɔrebɛbɔ afɔdeɛ kɛseɛ ama wɔn nyame Dagon na wɔagye wɔn ani; na wɔkaa sɛ: Yɛn nyame de yɛn tamfo Samson ahyɛ yɛn nsa. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron23 Na Filistifoɔ asafohene no hyiaa sɛ wɔrebɛbɔ afɔdeɛ kɛseɛ ama wɔn nyame Dagon na wɔagye wɔn ani; na wɔkaa sɛ: Yɛn nyame de yɛn tamfo Samson ahyɛ yɛn nsa. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm23 Filistifo ntuanofo no hyɛɛ fa kɛse bi, bɔɔ afɔre maa wɔn nyame Dagon dii ahurusi kae se, “Yɛn nyame de Samson a ɔyɛ yɛn tamfo no ahyɛ yɛn nsam!” Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm23 Filistifoɔ ntuanofoɔ hyɛɛ fa kɛseɛ bi, bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn nyame Dagon dii ahurisie kaa sɛ, “Yɛn nyame de Samson a ɔyɛ yɛn ɔtamfoɔ no ahyɛ yɛn nsam!” Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON23 Na Filistifo asafohene no hyiae sɛ wɔbɛbɔ afɔre kɛse ama wɔn nyame Dagon na wɔagye wɔn ani; na wose: Yɛn nyame de yɛn tamfo Samson ahyɛ yɛn nsa. Ver Capítulo |