Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 16:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na ɔde akoroteaa bɔɔ mu, na ɔkaa sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Na ɔnyane firii ne nna no mu, na ɔtuu deɛ wanwono no mu akoroteaa no ne anwonneɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na ɔde akoroteaa bɔɔ mu, na ɔkaa sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Na ɔnyane firii ne nna no mu, na ɔtuu deɛ wanwono no mu akoroteaa no ne anwonneɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 de bɔɔ ntama bamma a ɛwɔ akurokurowa no so. Bio, ɔteɛɛ mu se, “Samson! Filistifo no aba rebɛkyere wo!” Ɛhɔ ara, Samson nyanee, twee akurokurowa no yii ne tinwi no fii ntama bamma no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 de bɔɔ ntoma bamma a ɛwɔ akurokurowa no so. Bio, ɔteaam sɛ, “Samson! Filistifoɔ no aba rebɛkye wo!” Ɛhɔ ara, Samson nyaneeɛ, twee akurokurowa no yii ne tirinwi no firii ntoma bamma no mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na ɔde akoroteaa bɔɔ mu, na ɔkae sɛ: Filistifo gu wo so, Samson! Na onyan fii ne nna no mu, na otuu nea wanwene no mu akoroteaa no ne annwene no.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 16:14
4 Referencias Cruzadas  

Ɔgyee wɔn mpɛn pii, na wɔn deɛ, wɔtee atua, wɔn apam so, na wɔbrɛɛ wɔn ase wɔn amumuyɛ mu.


Na Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Woasisi me de abɛduru sɛsɛɛ yi, na woatwa me nkontompo. Kyerɛ me deɛ wɔbɛtumi de akyekyere woɔ. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wode me tirinwi mpɛsɛmpɛsɛ nson de fra ntomaban nwono a.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na wobɛtumi aka sɛ: Medɔ wo, na w’akoma nni me ho yi? Mprɛnsa ni a woasisi me, na wonkyerɛɛ me adekodeɛ a w’ahoɔden kɛseɛ yi wɔ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios