Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 14:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na AWURADE honhom sii ne so, na ɔsii mu kɔɔ Askelon kɔkunkumm wɔn mu mmarima aduasa, na ɔfaa wɔn ho adeɛ, na ɔde ntadeɛ nsakyeraho no memaa wɔn a wɔkyerɛɛ aborɔme no aseɛ no. Na ne bo fui. Na ɔsane kɔɔ n’agya fie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Na AWURADE honhom sii ne so, na ɔsii mu kɔɔ Askelon kɔkunkumm wɔn mu mmarima aduasa, na ɔfaa wɔn ho adeɛ, na ɔde ntadeɛ nsakyeraho no memaa wɔn a wɔkyerɛɛ aborɔme no aseɛ no. Na ne bo fui. Na ɔsane kɔɔ n’agya fie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Afei, Awurade Honhom de ahoɔden kɛse bi baa ne so. Ɔkɔɔ Askelon kurow mu. Okunkum mmarima aduasa faa wɔn agyapade nyinaa. Ɔde wɔn ntade maa mmarima a woyii aborɔme no ano no. Na Samson bo annwo nea ɛbae no ho yiye nti ɔkɔɔ ne fi na ɔne nʼawofo kɔtenae.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Afei, Awurade Honhom de ahoɔden kɛseɛ bi baa ne so. Ɔkɔɔ Askelon kuro mu. Ɔkunkumm mmarima aduasa faa wɔn agyapadeɛ nyinaa. Ɔde wɔn ntadeɛ maa mmarima a wɔyii aborɔme no ano no. Na Samson bo annwo deɛ ɛbaeɛ no ho yie enti ɔkɔɔ ne fie na ɔne nʼawofoɔ kɔtenaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Na AWURADE honhom sii no so denneennen, na osiim kɔɔ Askelon kokunkum wɔn mu mmarima aduasa, na ɔfaa wɔn ahode, na ɔde ntade nsakraho no momaa wɔn a wɔkyerɛɛ aborɔme no ase no. Na ne bo fuwii. Na ɔsan kɔɔ n’agya fi.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 14:19
9 Referencias Cruzadas  

Na Saulo tee nsɛm yi no, AWURADE honhom sii ne so, na ne bo fuu kɛse.


Na AWURADE honhom baa ne so, na ɔbuu Israel atɛn na ɔfirii adi tuu sa, na AWURADE de Mesopotamia hene Kusan-risataim hyɛɛ ne nsa, na ne nsa yɛɛ Kusan-risataim so den.


Na AWURADE honhom firii aseɛ kekaa no wɔ ne mu, Dan nsraban mu Sora ne Estaol ntam.


Ɔreyɛ aduru Lehi no, Filistifoɔ no bɔɔ ne so ose. Na AWURADE honhom sii ne so, na ntampehoma a ɛwɔ ne basa ho no yɛɛ sɛ asaawa a wɔde ogya aka na ne homa no sanesane firii ne nsa.


Na AWURADE honhom sii ne so, na ɔtetee ne mu, sɛdeɛ wɔtete abirekyie ba mu, nanso na hwee nkuta ne nsam. Na wanka deɛ ɔyɛeɛ no ankyerɛ n’agya ne ne na.


Na kuro no mu mmarima ka kyerɛɛ no da a ɛtɔ so nson no ansa na owia retɔ sɛ: Ɛdeɛn na ɛyɛ dɔkɔdɔkɔ sene ɛwoɔ, na ɛdeɛn na ne ho yɛ den sene gyata? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moamfa me nantwie amfuntum a, anka moanhunu m’aborɔme no ase.


Na Yuda kɔfaa Gasa ne ne hyeɛ ne Askelon ne ne hyeɛ ne Ekron ne ne hyeɛ.


Na wɔkaa sɛ: Asodie afɔdeɛ bɛn na yɛmfa mma? Na wɔse: Momfa sika na wɔnyɛ no sɛ mpɔmpɔ nnum ne sika nkura nnum, sɛdeɛ Filistifoɔ asafohene ano sie, ɛfiri sɛ ɔhaw koro no ara na ɛwɔ mo nyinaa ne mo asafohene soɔ.


Na yeinom ne sika mpɔmpɔ a Filistifoɔ de yɛɛ asodie afɔdeɛ de brɛɛ AWURADE no: Asdod deɛ baako, Gasa deɛ baako, Askelon deɛ baako, Gat deɛ baako, Ekron deɛ baako;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios