Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 14:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na n’agya sii mu kɔɔ ɔbaa no nkyɛn, na Samson too pono wɔ hɔ, ɛfiri sɛ saa na na mmeranteɛ taa yɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na n’agya sii mu kɔɔ ɔbaa no nkyɛn, na Samson too pono wɔ hɔ, ɛfiri sɛ saa na na mmeranteɛ taa yɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Afei, bere a nʼagya reyɛ ahoboa ama awaregye no, Samson too pon wɔ Timna, sɛnea amanne kyerɛ saa bere no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Afei, ɛberɛ a nʼagya reyɛ ahoboa ama awaregyeɛ no, Samson too ɛpono wɔ Timna, sɛdeɛ amanneɛ kyerɛ saa ɛberɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na n’agya siim kɔɔ ɔbea no nkyɛn, na Samson tow pon wɔ hɔ, efisɛ saa na mmerante taa yɛ.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 14:10
8 Referencias Cruzadas  

Na Laban boaboaa kurom hɔfoɔ nyinaa ano, na ɔtoo pono.


Sereɛ nti na wɔsiesie aduane, na nsa ma ateasefoɔ anigyeɛ, na sika na ɛyɛ adeɛ nyinaa.


Na wɔde kɔeɛ. Na adidiiɛhwɛfoɔ no kaa nsuo a adane nsa no hwɛeɛ no, na ɔnnim deɛ ɛfire, (na asomfoɔ a wɔsesaa nsuo no deɛ, wɔnim) na adidiiɛhwɛfoɔ no frɛɛ ayeforɔkunu no,


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Twerɛ: Nhyira ne wɔn a wɔahyia wɔn adwammaa no ayeforɔ aseɛ. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokorɛ nie.


Na wɔhunuu no no, wɔde nnamfonom aduasa bɛkaa ne ho.


Na ɔfaa bi kura kɔe, na ɔrekorɔ na ɔredi, na ɔkɔduruu n’agya ne ne na nkyɛn, na ɔmaa wɔn bi dii; nanso wanka ankyerɛ wɔn sɛ gyata no yam na ɔyii ɛwoɔ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios