Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 13:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na hwɛ, worebɛnyinsɛn awo ɔbabarima a yiwan renka ne tire, na abɔfra no bɛyɛ Nyankopɔn hotuafoɔ afiri yafunum na ɔno na ɔbɛfiri aseɛ agye Israel afiri Filistifoɔ nsam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na hwɛ, worebɛnyinsɛn awo ɔbabarima a yiwan renka ne tire, na abɔfra no bɛyɛ Nyankopɔn hotuafoɔ afiri yafunum na ɔno na ɔbɛfiri aseɛ agye Israel afiri Filistifoɔ nsam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima, na hwɛ sɛ oyiwan renka ne ti, efisɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ Nasareni a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn fi awo mu. Obegye Israel afi Filistifo nsam.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima, na hwɛ sɛ oyiwan nka ne tire, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ Nasareni a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn firi awoɔ mu. Ɔbɛgye Israel afiri Filistifoɔ nsam.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na hwɛ, worebenyinsɛn awo babarima a oyiwan renka ne ti, na abofra no bɛyɛ Onyankopɔn hotuafo afi yafunum, na ɔno na obefi ase agye Israel afi Filistifo nsam.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 13:5
9 Referencias Cruzadas  

Na yei akyiri no, Dawid ko dii Filistifoɔ so, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na Dawid gyee Metegamma firii Filistifoɔ nsam.


Na yei akyiri no, Dawid kunkumm Filistifoɔ, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na ɔgyee Gat ne ɛho nkurowa Filistifoɔ nsam.


Na mememaa mo mma binom so mesisii adiyifoɔ, ne mo mmeranteɛ binom meyeyɛɛ ahotuafoɔ. Ɛnte saa, O Israelfoɔ? AWURADE asɛm nie.


N’ahotua bɔhyɛ nna nyinaa mu no yiwan biara nnka ne ti; ɔnyɛ kronkron nkɔsi sɛ nna a ɔtuaa ne ho maa AWURADE no bɛwie duro; ɔnsi atimum.


Ɛfiri sɛ ɔbɛyɛ kɛseɛ Awurade anim, na ɔrennom bobesa anaa nsa biara, na Honhom Kronkron bɛhyɛ no ma afiri ne na yam mpo.


ɛnna ɔyii n’akoma mu nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Yiwan nkaa m’atifi da, ɛfiri sɛ Nyankopɔn hotuafoɔ ne me firi me na yam; sɛ wɔyi me tiri a, na m’ahoɔden bɛfiri me ho, na mahodwo mayɛ sɛ onipa biara.


Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: Asafo AWURADE, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfiri w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnneɛ mede no bɛma AWURADE ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan biara renka ne ti.


Na wɔbrɛɛ Filistifoɔ no ase, na wɔankɔ so amma Israel hyeɛ mu bio; na AWURADE nsa daa Filistifoɔ so Samuel nna nyinaa mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios