Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 1:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma me akyɛdeɛ bi ɛ, na Negeb asase na wode ama me, na ma me mmasuo nso. Na Kaleb maa no atifi mmasuo ne anafoɔ mmasuo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma me akyɛdeɛ bi ɛ, na Negeb asase na wode ama me, na ma me mmasuo nso. Na Kaleb maa no atifi mmasuo ne anafoɔ mmasuo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Obuae se, “Ma me nhyira bio. Woadom me ama me asase wɔ Negeb, na mesrɛ wo ma me asase a nsu wɔ so.” Enti Kaleb maa no atifi ne anafo nsubɔnten.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ɔbuaa sɛ, “Ma me nhyira bio. Woadom me ama me asase wɔ Negeb, na mesrɛ wo ma me asase a nsuo wɔ so.” Enti, Kaleb maa no atifi ne anafoɔ fam nsuwansuwa asase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na Aksa ka kyerɛɛ no sɛ: Kyɛ me biribi ɛ! Na nifa asase na wode ama me, na ma me mmasu nso. Na Kaleb maa no Atifi mmasu ne Anafo mmasu.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 1:15
9 Referencias Cruzadas  

Mesrɛ wo, gye nhyira a wɔde abrɛ woɔ yi, ɛfiri sɛ Onyankopɔn adom me, na mewɔ ade nyinaa. Na ɔhyɛɛ no, na ɔgyee.


Enti medwene sɛ ɛhia sɛ metu anuanom no foɔ sɛ wɔnni yɛn anim mmra mo nkyɛn na wɔmmɛsiesie mo nhyira a mahyɛ aseɛ masie no nto hɔ, na ada hɔ sɛ nhyira, na ɛnyɛ sɛ anibereɛ.


Na asase a ɛnom osuo a ɛtaa tɔ gu soɔ na ɛfifiri aduane a ɛyɛ ma wɔn a wɔn nti wɔdɔ no, nya Nyankopɔn hɔ nhyira no bi.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma me akyɛdeɛ bi ɛ, na anafoɔ asase na wode ama me nti, ma me mmasuo nso. Na ɔmaa no atifi mmasuo ne anafoɔ mmasuo.


Mommfa bɔne nntua bɔne ka, nso mommfa ɔyɛ nntua ɔyɛ ka; na mmom monhyira, ɛfiri sɛ yei mu na wɔafrɛ mo, sɛ mommɛgye nhyira.


Na ɔbaa no kɔɔ Otniel nkyɛn no, ɔhyɛɛ Otniel sɛ ɔmmisa n’agya Kaleb hɔ asase bi. Na ɔfiri n’afunumu so sii fam. Na Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na worehwehwɛ?


Na Mose ase Kenini no mma ne Yuda mma firi nkyiresua kuro no mu foro baa Yuda serɛ a ɛwɔ Arad anafoɔ fam no so na wɔkɔ kɔtenaa ɔman no mu.


Ɛnna Abigail yɛɛ ntɛm faa paanoo ahanu ne nsa nkotokuo mmienu ma, ne nnwan nnum a wɔasiesie wɔn ne nkyeweɛ susuoadeɛ nnum ne bobe aba a wɔabɔ no ntoantoa ahanu de soaa mfunumu,


Na afei, akyɛdeɛ a w’afenaa de abrɛ me wura yi, ma wɔmfa mma mmeranteɛ a wɔdi me wura akyire no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios